Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 18:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Absalom hyiaa Dawid mmarima no; nso na Absalom te afunumupɔnkɔ so, na afunumupɔnkɔ no de no faa odum kɛseɛ bi mman kusuu ase, na ne tirinwi kɔsɔɔ odum no dubaa so maa no sensɛnee ɔsoro ne fam ntam, na afunumupɔnkɔ a ɔwɔ n’aseɛ no gyaa ne hɔ kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Absalom hyiaa Dawid mmarima no; nso na Absalom te afunumupɔnkɔ so, na afunumupɔnkɔ no de no faa odum kɛseɛ bi mman kusuu ase, na ne tirinwi kɔsɔɔ odum no dubaa so maa no sensɛnee ɔsoro ne fam ntam, na afunumupɔnkɔ a ɔwɔ n’aseɛ no gyaa ne hɔ kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔko no gyina mu no, Absalom puee prɛko pɛ wɔ Dawid mmarima no bi mu. Ɔpɛɛ sɛ oguan wɔ nʼafurumpɔnkɔ so, nanso oguan kɔfaa ɔdɔtɔ bi mu wɔ odum bi ase. Ɔdɔtɔ no kyekyeree ne tinwi, ma ɔkaa mu. Nʼafurumpɔnkɔ no de, na kɔ ara na ɔrekɔ enti, ogyaw no hɔ a, ɔsensɛn ɔdɔtɔ no mu a ɔretow donko wɔ wim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔko no gyina mu no, Absalom puee prɛko pɛ wɔ Dawid mmarima no bi mu. Ɔpɛɛ sɛ ɔdwane wɔ nʼafunumpɔnkɔ so, nanso ɔdwane kɔfaa dɔtɔ bi mu wɔ odum bi ase. Ɔdɔtɔ no kyekyeree ne tirinwi, ma ɔkaa mu. Nʼafunumpɔnkɔ no deɛ, na kɔ ara na ɔrekɔ enti, ɔgyaa no hɔ a, ɔsensɛn dɔtɔ no mu a ɔreto adonko wɔ ewiem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Absalom hyiaa Dawid nkoa no; nso Absalom te afurumpɔnkɔ so, na afurumpɔnkɔ no de no faa odupɔn kɛse bi baa kusuu ase, na ne ti kɔsoaa odupɔn no ma ɔsensɛn ɔsoro ne fam ntam, na afurumpɔnkɔ a ɔwɔ n’ase no sen kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 18:9
18 Iomraidhean Croise  

Na Absalom mmeranteɛ no yɛɛ Amnon sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn no. Ɛnna ɔhene mma no nyinaa sɔresɔre tenatenaa wɔn mfunumu so dwanedwaneeɛ.


Na sɛ ɔyi ne ti a, (nso daa afe duru a ɔyi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ a ne tiri afu dodo,) na wɔkari ne tirinwi no a, ɛyɛ nnwetɛbena ahanu ɔhene abrammoɔ so.


Na Ahitofel hunuu sɛ wɔanni n’afotuo soɔ no, ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔsɔre kɔɔ ne fie, wɔ ne kurom. Na ɔtotoo ne fie wieeɛ no, ɔkɔsɛnee ne mene wuiɛ, na wɔsiee no n’agya da mu.


Na ɔbarima bi kɔhunui, na ɔkɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ makɔhunu Absalom sɛ ɔsɛne odum bi soɔ.


Na Yoab kaa sɛ: Merentwentwɛn me nan ase w’anim saa. Na ɔfaa mpɛmɛ mmiɛnsa kurae, na ɔde kɔwowɔɔ Absalom akoma mu berɛ a ɔda so yɛ anikan odum no so.


Na ɔko no trɛɛ wɔ asase no nyinaa ani, na ɛdɔm no mu wɔn a wɔwuu kwaeɛ no mu dɔɔso sene wɔn a wɔwuu nkrantɛ ano da no.


Ɛnyɛ ɔsɛeɛ ne obusufoɔ adeɛ, na akatua denden ne amumuyɛfoɔ kyɛfa anaa?


Deɛ ɔdome n’agya ne ne na no, ne kanea bɛdum esum kabii mu.


Ani a ɛyi n’agya ahi, na ɛbu ɛna tie animtia no, asubɔnten ho anene bɛtutu, na akɔreɛ mma bɛdi.


Deɛ ɔdwane firi ehu ano no kɔ eku mu, na deɛ waforo afiri eku mu no, wɔde fidie yi no, na mede Moab asotwe afe bɛba wɔn so, AWURADE asɛm nie.


Na ɔtoo nnwetɛbena no guu asɔredan mu, firii hɔ kɔe, na ɔkɔsɛnee ne mene.


Na Mose kaa sɛ: Di w’agya ne wo na ni; ɛne: Deɛ ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owuo na ma no nwuo!


Wɔde Kristo yɛɛ abusudeɛ maa yɛn, ama no atɔ yɛn afiri mmara nnome mu, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛne dua soɔ,


ne funu no nntena dua no so anadwo, sie no da no ara; na deɛ wɔasɛne no no yɛ Nyankopɔn nnome, na woangu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no ho fi.


Nnome nka deɛ ɔyeyɛ n’agya ne ne na! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!


Nnome nka deɛ ɔne n’agya yere da, ɛfiri sɛ wayi n’agya nkataho. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan