Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 18:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Nso Absalom te aseɛ no, ɔsii nkaeɛ dum bi a ɛwɔ ɔhene bonhwa mu fae, a ɔkaa sɛ: Menni ɔbabarima a wɔde no bɛkae me din. Na ɔde ne din too odum no, na wɔfrɛ no Absalom nsɛnkyerɛnneɛ de bɛsi nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Nso Absalom te aseɛ no, ɔsii nkaeɛ dum bi a ɛwɔ ɔhene bonhwa mu fae, a ɔkaa sɛ: Menni ɔbabarima a wɔde no bɛkae me din. Na ɔde ne din too odum no, na wɔfrɛ no Absalom nsɛnkyerɛnneɛ de bɛsi nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Bere a Absalom te ase no, osii nkaedum bi wɔ ɔhene bon mu de kaee ɔno ara ne ho, efisɛ ɔdwenee se, “Minni ɔbabarima biara a ɔbɛyɛ nkae ade biara de akae me din.” Ɔde nkaedum no too ne ho, na wɔfrɛ no Absalom Nkaedum de besi nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛberɛ a Absalom te ase no, ɔsii nkaeɛdum bi wɔ ɔhene bɔnhwa mu de kaee ɔno ara ne ho, ɛfiri sɛ, ɔdwenee sɛ, “Menni ɔbabarima biara a ɔbɛyɛ nkaedeɛ biara de akae me din.” Ɔde nkaeɛdum no too ne ho, na wɔfrɛ no Absalom Nkaeɛdum de bɛsi ɛnnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Nso Absalom te ase no, osii nkae dum bi a ɛwɔ ɔhene bon mu fae, na ose: Minni ɔbabarima a wɔde no bɛkae me din. Na ɔde ne din too odum no, na wɔfrɛ no Absalom sɛnkyerɛnne besi nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 18:18
13 Iomraidhean Croise  

Ɛnna wɔkaa sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekyere kuro, na yɛnto abantenten a n’atifi bɛduru soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.


Enti na wɔfrɛ hɔ Babel, ɛfiri sɛ ɛhɔ na AWURADE yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa. Ɛfiri hɔ na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani.


Na ɔsane firii Kedorlaomer ne ahemfo a ɛkeka ne ho so nkonimdie reba no, Sodom hene firi kɔhyiaa no wɔ Sawe bonhwa (a ɛne Ɔhene Bonhwa no) mu.


Na wɔwoo mmammarima baasa maa Absalom ne ɔbaa baako a wɔfrɛ no Tamar; ɔyɛ ɔbaa a ne ho yɛ fɛ.


Ma wɔnhye n’ase, ma wɔn din ngu awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ yi mu.


Wɔn tirim ne sɛ wɔn adan bɛtena hɔ daa, na wɔn afie atena hɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so; wɔde wɔn din toto wɔn nsase.


Ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na hwan na wowɔ no ɛha na woretwa ɔboda wɔ ha afa? Ɔretwa ɔboda wɔ deɛ ɛkorɔn, ɔreyɛ ne tenabea wɔ ɔbotan mu!


Sɛ AWURADE seɛ nie: Montwerɛ wɔ ɔbarima yi ho sɛ ɔyɛ deɛ ɔnni ba, ɔbarima a ɔrenni yie ne nna mu, na n’asefoɔ mu obiara a ɔbɛtena Dawid ahennwa soɔ na wadi Yuda so bio no, renni yie.


ɔhene no kaa sɛ: Ɛnyɛ Babel kɛseɛ a makyekyere mayɛ ahennie gyinabea, me tumi denyɛ so na m’animuonyam agye no ni anaa?


Na Noba sii mu kɔfaa Kenat ne ɛho nkurowa, na ɔde ne din Noba toe.


Na Samuel tuaa nhema sɛ ɔrekɔhyia Saulo anɔpa; na wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: Saulo aba Karmel, na hwɛ, wasi ne nkaeɛ dum, na wadane ne ho atwam asiane rekɔ Gilgal.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan