Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 17:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Ɛnna Dawid ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa sɔre kɔtwaa Yordan no; adeɛ kyee anɔpa no, na wɔn mu baako mpo nkae a ɔnnya ntwaa Yordan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Ɛnna Dawid ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa sɔre kɔtwaa Yordan no; adeɛ kyee anɔpa no, na wɔn mu baako mpo nkae a ɔnnya ntwaa Yordan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Enti Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kotwaa Yordan. Eduu adekyee no, na obiara atwa Yordan kɔ nʼagya.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Enti, Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kɔtwaa Yordan. Ɛduruu ahemadakye no, na obiara atwa Yordan kɔ nʼagya.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Ɛnna Dawid ne nkurɔfo a wɔka ne ho no nyinaa sɔre kotwaa Yordan; ade kyee anɔpa no, na wɔn mu biako po nkae a onnya ntwaa Yordan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 17:22
8 Iomraidhean Croise  

Na wɔn korɔ akyiri no, mmarima no firi abura no mu firii adi, na wɔkɔ kɔka kyerɛɛ Ɔhene Dawid sɛ: Monsɔre nkɔtwa asuo no ntɛm, na ɛfo a Ahitofel atu wɔ mo ho nie.


Na Ahitofel hunuu sɛ wɔanni n’afotuo soɔ no, ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔsɔre kɔɔ ne fie, wɔ ne kurom. Na ɔtotoo ne fie wieeɛ no, ɔkɔsɛnee ne mene wuiɛ, na wɔsiee no n’agya da mu.


Na Dawid duruu Mahanaim. Na Absalom ne Israel mmarima no nyinaa kɔtwaa Yordan.


ne me Nyankopɔn. Me kra aboto wɔ me mu, enti mekae wo, Yordan ne Hermon mmepɔ asase so, Misar bepɔ so.


Onitefoɔ hunu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hunta, nanso adwenemharefoɔ de ne ho hyɛ mu, na wɔnya asotwe.


bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo nkoa abu akofoɔ a wɔwɔ yɛn nsam no ano, na wɔn mu biara anyera;


Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.


Sɛ asɛm a ɔkaa sɛ: Wɔn a wode wɔn ama me no, mamma wɔn mu biara anyera, no mmra mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan