Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 17:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na Absalom asomfoɔ no duruu ɔbaa no nkyɛn efie hɔ no, wɔbisaa sɛ: Ɛhe na Ahimaas ne Yonatan wɔ? Na ɔbaa no kaa sɛ: Wɔatwa asuwa no kɔ. Na wɔhwehwɛɛ wɔn; na wɔanhu wɔn no, wɔsane baa Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Na Absalom asomfoɔ no duruu ɔbaa no nkyɛn efie hɔ no, wɔbisaa sɛ: Ɛhe na Ahimaas ne Yonatan wɔ? Na ɔbaa no kaa sɛ: Wɔatwa asuwa no kɔ. Na wɔhwehwɛɛ wɔn; na wɔanhu wɔn no, wɔsane baa Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Bere a Absalom mmarima no duu hɔ no, wobisaa ɔbea no se, “Woahu Ahimaas ne Yonatan ana?” Obuaa wɔn se, “Na wɔwɔ ha de, nanso wɔatwa asuwa no kɔ.” Absalom mmarima no hwehwɛɛ wɔn, nanso wɔanhu wɔn nti, wɔsan kɔɔ Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Ɛberɛ a Absalom mmarima no duruu hɔ no, wɔbisaa ɔbaa no sɛ, “Woahunu Ahimaas ne Yonatan anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Na wɔwɔ ha deɛ, nanso wɔatwa asuwa no kɔ.” Absalom mmarima no hwehwɛɛ wɔn, nanso wɔanhunu wɔn enti, wɔsane kɔɔ Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na Absalom nkoa no duu ɔbea no nkyɛn ofie hɔ no, wɔkae sɛ: Ɛhe na Ahimaas ne Yonatan wɔ? Na ɔbea no se: Wɔatwa asuwa no kɔ. Na wɔhwehwɛɛ wɔn; na wɔanhu wɔn no wɔsan baa Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 17:20
9 Iomraidhean Croise  

Na sɛ wosane kɔ kuro no mu kɔka kyerɛ Absalom sɛ: Ɔhene, mɛyɛ w’akoa sɛdeɛ akane no meyɛɛ w’agya akoa no, na afei deɛ, mɛyɛ w’akoa, a, wobɛma Ahitofel agyinatuo no ayɛ ɔkwa ama me.


Na awogyefoɔ no buaa Farao sɛ: Hebrifoɔ mmaa nte sɛ Misraimfoɔ mmaa, ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔyɛ pirimpirim; awogyefoɔ no nnya nnuruu wɔn nkyɛn no, na wɔawo dada.


Mommmɔ korɔno, na monnni kusum, na obiara nntwa ne yɔnko nkontompo.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Gyina ntomadan no pono ano, na sɛ obi ba na ɔbisa wo sɛ obi wɔ hɔ anaa a, woaka akyerɛ no sɛ: Dabi.


Na Dawid ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ: Ɔhene ahyɛ me asɛm bi die, na waka akyerɛ me sɛ: Mma obiara nnhunu adekodeɛ a meresoma wo ho ne deɛ mahyɛ woɔ no ho biribiara; na mmeranteɛ no nso, mahyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ baabi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan