Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 16:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛnna Seruia ba Abisai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Adɛn nti na ɔkraman funu yi dome me wura ɔhene yi? Ma menkɔ menkɔtwa ne tiri ɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Ɛnna Seruia ba Abisai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Adɛn nti na ɔkraman funu yi dome me wura ɔhene yi? Ma menkɔ menkɔtwa ne tiri ɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na Seruia babarima Abisai bisaa ɔhene no se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔkraman funu yi tumi dome me wura ɔhene? Ma menkɔ na minkotwa ne ti.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛnna Seruia babarima Abisai bisaa ɔhene no sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔkraman funu yi tumi dome me wura, ɔhene? Ma menkɔ na menkɔtwa ne ti.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna Seruia ba Abisai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛdɛn nti na ɔkraman funu yi dome me wura ɔhene yi? Ma menkɔ menkotwa ne ti ɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 16:9
13 Iomraidhean Croise  

Na Seruia ba Abisai bisaa sɛ: Ɛnsɛ sɛ wɔkum Simei, sɛ wadome deɛ AWURADE asra no no anaa?


Na Dawid buaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ, sɛ moyɛ sɛ atamfoɔ a wɔne me di asie nnɛ yi? Ɛnnɛ ɛsɛ sɛ wɔkum obi Israel anaa? Mennim sɛ ɛnnɛ mene Israel so hene anaa?


Na Yoab ne ne nua Abisai dii Abner awu, ɛfiri sɛ ɔkumm wɔn nua Asahel Gibeon ko no mu.


Na Isboset asɛm no hyɛɛ Abner abufuo kɛseɛ maa ɔkaa sɛ: Adɛn, ɔkraman ne me na mama Yuda de me adi asie, sɛ ɛbɛsi nnɛ mayɛ w’agya Saulo fie, ne nuanom ne ne namfonom adɔeɛ a menyii wo nhyɛɛ Dawid nsa, na nso worepɛ kwaadu a ɛte saa abɔ me wɔ ɔbaa yi ho?


Na ɔkoto kaa sɛ: W’akoa ne hwan a worehwɛ no teta sɛ ɔpɛtɛ funu yi?


Nka abususɛm ntia Onyankopɔn, na wo man mu panin nso, nnome no.


Na n’asuafoɔ Yakobo ne Yohane hunuiɛ no, wɔkaa sɛ: Awurade, wopɛ sɛ yɛka na ogya firi soro bɛhye wɔn?


Ɛnna Paulo kaa sɛ: Anuanom, mennim sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Nka wo man panin ho asɛm bɔne!


Monni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom! Monsuro Onyankopɔn! Monni ɔhene ni!


Hwan akyi na Israel hene atu die yi? Hwan na woreti no yi? Ɔkraman funu akyi, ɔkraman dwie baako akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan