Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 16:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 AWURADE atua wo Saulo a wobɛdii n’adeɛ no fie mogya nyinaa so ka, na AWURADE de ahennie no ahyɛ wo ba Absalom nsa, na hwɛ, w’asotwe mu na woda yi, ɛfiri sɛ woahwie mogya agu!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 AWURADE atua wo Saulo a wobɛdii n’adeɛ no fie mogya nyinaa so ka, na AWURADE de ahennie no ahyɛ wo ba Absalom nsa, na hwɛ, w’asotwe mu na woda yi, ɛfiri sɛ woahwie mogya agu!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Awurade atua wo ka sɛ wuhwiee Saulo ne ne fifo mogya gui. Wuwiaa nʼahengua, na afei Awurade de ahemman no ahyɛ wo babarima Absalom nsa. Wobɛnom wʼankasa wʼaduru, mogyapɛfo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Awurade atua wo ka sɛ wohwiee Saulo ne ne fiefoɔ mogya guiɛ. Wowiaa nʼahennwa, na afei Awurade de ahemman no ahyɛ wo babarima Absalom nsa. Wobɛnom wʼankasa aduro, wo mogyapɛfoɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 AWURADE adan Saul a wubesii n’ananmu dii hene no fi mogya nyinaa aba wo so, na AWURADE de ahenni no ahyɛ wo ba Absalom nsa, na hwɛ, w’amane mu na woda yi, efisɛ onipa a wahwie mogya agu ne wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 16:8
18 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wo mogya ngu w’atifi, na w’ano na adi wo adanseɛ sɛ: Me na makum deɛ AWURADE asra no ngo no.


na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mma me wura mmmu amumuyɛ nnto me so, na nkae deɛ w’akoa fom yɛɛ no da a me wura ɔhene firii Yerusalem no, na ɔhene mmfa nnhyɛ n’akomam.


Na Seruia ba Abisai bisaa sɛ: Ɛnsɛ sɛ wɔkum Simei, sɛ wadome deɛ AWURADE asra no no anaa?


Na ɛkɔm bi baa Dawid berɛ so mfeɛ mmiɛnsa, afe toa afe so. Na Dawid kɔbɔɔ AWURADE anim mpaeɛ. Na AWURADE buaa sɛ: Mogya ho afobuo aba Saulo ne ne fiefoɔ so sɛ ɔkumm Gibeonfoɔ no.


na ɔde wɔn hyɛɛ Gibeonfoɔ no nsa, na wɔsensɛnee wɔn bepɔ no so AWURADE anim, na wɔn nnipa nson no totɔɔ prɛko. Na wɔkumm wɔn twaberɛ nna a ɛdi kan mu, atokoɔtwa mfitiaseɛ mu.


Na hwɛ, Benyaminni Gera ba Simei a ɔfiri Bahurim a ɔwɔ wo nkyɛn yi, ɔno na ɔdomee me nnome denden da a mekɔɔ Mahanaim no. Nanso ɔsiane bɛhyiaa me Yordan ho, na mede AWURADE kaa no ntam sɛ meremfa nkrantɛ menku no.


Nnipa bebree se me sɛ: Ɔnni nkwagyeɛ Nyankopɔn mu. Sela


Mo mmarima mma, m’animuonyam bɛdane ahohora akɔsi da bɛn? Mobɛdɔ ade hunu, mobɛdi atorɔ akyi akɔsi da bɛn?


ɔtamfoɔ nne ne ɔbɔnefoɔ ahodwan nti. Na wɔbɔ mmusuo gu me so, na wɔde abufuo tane me.


sɛ mayɛ deɛ ɔne me te asomdwoeɛ mu bɔne na madi deɛ ɔha me no amim bi kwa a,


Sɛdeɛ apatuprɛ kyini na asomfenakatakyi tuo no, saa ara na nnuabɔ hunu remma mu.


na wɔahwie ahotefoɔ ne adiyifoɔ mogya agu, na woama wɔn mogya anom, wɔfata saa.


na Yerubaal mma aduɔson no ho mmusuo aba, na wɔn mogya abua wɔn nua Abimelek a ɔkumm wɔn no ne Sekemfoɔ a wɔhyɛɛ ne nsa den sɛ ɔnkum ne nuanom no atifi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan