Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 16:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Ɛnna wɔsii Absalom ntomadan, aban no atifi, na Absalom ne n’agya mpenafoɔ no daeɛ, Israel nyinaa anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Ɛnna wɔsii Absalom ntomadan, aban no atifi, na Absalom ne n’agya mpenafoɔ no daeɛ, Israel nyinaa anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Enti wosii ntamadan wɔ ahemfi no atifi baabi a obiara behu, na Absalom kɔɔ ntamadan no mu, na ɔne nʼagya mpenanom no dae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Enti, wɔsii ntomadan wɔ ahemfie no atifi baabi a obiara bɛhunu, na Absalom kɔɔ ntomadan no mu, na ɔne nʼagya mpenafoɔ no daeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Ɛnna wosii Absalom ntamadan, aban no atifi, na Absalom kɔɔ n’agya yefamnom no ho, Israel nyinaa anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 16:22
11 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔhene firii adie na ne fiefoɔ nyinaa dii n’akyi; na ɔhene gyaa ne mpenafoɔ du sɛ wɔnhwɛ fie no.


Na Dawid baa ne fie wɔ Yerusalem. Na Dawid faa mmaa du, ne mpenafoɔ a ɔgyaa wɔn sɛ wɔnhwɛ fie no de wɔn kɔguu mmaa mu, na ɔbɔɔ wɔn akɔnhoma, na wɔn ho deɛ, wankɔ. Na wɔtoo wɔn mu kɔsii wɔn wu da maa wɔdii wɔn nkwa berɛ te sɛ deɛ wɔyɛ kuna.


wɔn na wɔn awieeɛ ne ɔsɛeɛ, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn animuonyam wɔ wɔn aniwuo mu, na asase so nnoɔma ho na wɔdwene.


Na ne mogya wɔ ne mu; waka agu ɔbotan kwawee so, wanhwie angu fam, na wɔde dɔteɛ akata so.


Wɔn ani wuu akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no ho? Dabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam. Saa nti wɔbɛtotɔ atɔfoɔ mu, berɛ a mɛba abɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ɔseɛ.


Enti asusɔ atwa na bereamporɔsuo ntɔ. Nanso w’anim te sɛ ɔbaa dwamamfoɔ deɛ ara na wonnim aniwuo.


Wɔn nyiyimu di wɔn adanseɛ, na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfoɔ, wɔnkata so. Wɔn kra nnue! Ɛfiri sɛ wɔde bɔne ayɛ wɔn ho.


Na da bi anwummerɛ a Dawid sɔre firii ne mpa soɔ na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ɔfiri ɛdan no atifi hɔ hunuu ɔbaa bi sɛ ɔredwareɛ, na na ɔbaa no ho yɛ fɛ sɛ.


Na hwɛ, ɔbarima bi firi Israelfoɔ no mu bae a ɔde Midianni baa bi baa ne nuanom nkyɛn wɔ Mose ani so ne Israelfoɔ asafo no nyinaa ani so; ɛberɛ a wɔn deɛ, na wɔresu ahyiaeɛ ntomadan no ano.


Na ɛbaa sɛ Israel te asase no soɔ no, Ruben ne n’agya abaawayerɛ Bilha kɔdae, na Israel tee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan