Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 16:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔhene bisaa Siba sɛ: Wode yeinom rebɛyɛ dɛn? Na Siba se: Mfunumu yi, wɔmfa mma ɔhene fiefoɔ na wɔntena so, na paanoo ne nnuaba yi, mmeranteɛ no nni, na nsa yi nso, wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ ɛserɛ soɔ na wɔnnom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔhene bisaa Siba sɛ: Wode yeinom rebɛyɛ dɛn? Na Siba se: Mfunumu yi, wɔmfa mma ɔhene fiefoɔ na wɔntena so, na paanoo ne nnuaba yi, mmeranteɛ no nni, na nsa yi nso, wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ ɛserɛ soɔ na wɔnnom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔhene no bisaa Siba se, “Na eyinom nso ɛ?” Na Siba buae se, “Mfurum no, mo nkurɔfo ntena wɔn so, na brodo no ne aduaba no, wɔmfa mma mmerante no na wonni. Na nsa no nso, momfa nkɔ sare so hɔ, na wɔn a ɔbrɛ nti wɔbɛtɔ beraw no anom.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔhene no bisaa Siba sɛ, “Na yeinom nso ɛ?” Na Siba buaa sɛ, “Mfunumu no, mo nkurɔfoɔ ntena wɔn so, na burodo no ne aduaba no, wɔmfa mma mmeranteɛ no na wɔnni. Na nsã no nso, momfa nkɔ ɛserɛ so hɔ, na wɔn a ɔbrɛ enti wɔbɛtɔ baha no, anom.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔhene bisaa Siba sɛ: Wode eyinom rebɛyɛ dɛn? Na Siba se: Mfurum yi wɔmfa mma ɔhene fifo na wɔntenatena so, na abodoo ne awia bere mu nnuaba yi, mmerante no nni, na nsa yi nso, wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ sare so na wɔnnom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 16:2
13 Iomraidhean Croise  

Na Abimelek bisaa Abraham sɛ: Nnwanten mma abereɛ nson a woyii wɔn gyinaa fa yi aseɛ ne sɛn?


Na ɔkaa sɛ: Na ɛdɔm a mehyiaa wɔn yi ase ne sɛn? Na ɔse: Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛnya me wura anim adom.


Na yei akyiri no, Absalom siesiee teaseɛnam ne apɔnkɔ fae, ne mmarima aduonum a wɔbɛwɛn no.


Na asase no sofoɔ nyinaa de nne kɛseɛ sui, na ɔman no nyinaa twaa mu kɔe, na ɔhene twaa asuo Kidron, na ɔman no nyinaa twae a wɔn ani kyerɛ ɛserɛ no so.


ɛwoɔ, nufosuo ani sradeɛ ne anantwie nufosuo a akyenkyen mua brɛɛ Dawid ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no sɛ wɔnni, na wɔse: Ɛkɔm de nkurɔfoɔ no, na wɔabrɛ, na sukɔm ade wɔn ɛserɛ so.


Na ɔbuaa sɛ: Ao, me wura ɔhene, me somfoɔ no na ɔdaadaa me; na wo somfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: Hyehyɛ afunumu na mentena no so nkɔ ne ɔhene nkɔ, ɛfiri sɛ wo somfoɔ yɛ apakye.


Na sɛ wo man mma bisa wo sɛ: Worenkyerɛ yɛn deɛ wode yeinom reyɛ anaa?


Na ɔwɔ mmammarima aduasa a na wɔtenatena mfunumu mma aduasa soɔ na wɔwɔ nkuro aduasa a wɔfrɛ no Yair nkuro de bɛsi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so.


Mo a motete mfunumubereɛ afufuo soɔ, mo a motete nkuntu a ɛsom boɔ soɔ, mo a monenam akwan soɔ, monto dwom!


Na nkurɔfoɔ no mu baako kaa sɛ: W’agya aka dɔm no ntam sɛ: Nnome nka obiara a ɔbɛdidi nnɛ; nso na nkurɔfoɔ no retɔ piti.


Na afei, akyɛdeɛ a w’afenaa de abrɛ me wura yi, ma wɔmfa mma mmeranteɛ a wɔdi me wura akyire no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan