Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 16:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Dabi, na deɛ AWURADE ne ɔman yi ne Israel mmarima nyinaa afa no no, ɔno na mɛyɛ ne deɛ na me ne no atena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Dabi, na deɛ AWURADE ne ɔman yi ne Israel mmarima nyinaa afa no no, ɔno na mɛyɛ ne deɛ na me ne no atena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Husai ka kyerɛɛ Absalom se, “Mewɔ ha efisɛ meyɛ adwuma ma ɔbarima a Awurade ne Israel ayi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ, “Mewɔ ha ɛfiri sɛ meyɛ adwuma ma ɔbarima a Awurade ne Israel ayi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na Husai buaa no sɛ: Daabi, na nea AWURADE ne ɔman yi ne Israel mmarima nyinaa afa no no, ɔno na mɛyɛ ne de na me ne no atena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 16:18
4 Iomraidhean Croise  

Na Absalom bisaa Husai sɛ: W’adɔeɛ a wode yɛ w’adamfo nie? Adɛn nti na wo ne w’adamfo no ankorɔ?


Bio nso, hwan na mɛsom no? Ɛnyɛ ne ba? Sɛdeɛ mesom w’agya no, saa ara na mɛyɛ no w’anim.


Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so, ɛfiri da no ara de rekorɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan