Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 15:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Na Dawid foroo Ngo-bepɔ no, na ɔreforɔ no na ɔresu, na wakata ne ti, na ɔnhyɛ mpaboa, na ɔman a wɔne no nam no nyinaa akatakata wɔn ti, na wɔreforɔ no, na wɔresu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

30 Na Dawid foroo Ngo-bepɔ no, na ɔreforɔ no na ɔresu, na wakata ne ti, na ɔnhyɛ mpaboa, na ɔman a wɔne no nam no nyinaa akatakata wɔn ti, na wɔreforɔ no, na wɔresu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Dawid faa ɔkwan a ɛkɔ Ngo Bepɔw so no so a ɔrekɔ no nyinaa, na ɔretwa adwo. Na wakata ne ti so, na ne nan sisi fam saa ara a ɛkyerɛ awerɛhowdi. Na nnipa a wɔka ne ho no nso katakataa wɔn ti so, twaa adwo bere a wogu so reforo bepɔw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Dawid faa ɛkwan a ɛkɔ Ngo Bepɔ so no so a, ɔrekɔ no nyinaa, na ɔretwa adwo. Na wakata ne tiri so, ɛnna ne nan sisi fam saa ara a ɛkyerɛ awerɛhoɔdie. Na nnipa a wɔka ne ho no nso katakataa wɔn tiri so, twaa adwo ɛberɛ a wɔgu so reforo bepɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

30 Na Dawid foroo Ngo-bepɔw, na ɔreforo no na ɔde su, na wakata ne ti na ɔnam anammɔn hunu mu; na nnipa a wɔne no nam no nyinaa akatakata wɔn ti na wɔreforo no na wɔresu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 15:30
21 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Sadok ne Abiatar de Nyankopɔn adaka no sane baa Yerusalem, na wɔbɛtenaa hɔ.


Na ɔhene deɛ, na wakata n’anim, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Ao, me ba Absalom, ao, Absalom me ba, me ba!


Na Yoab baa ɔhene nkyɛn efie, na ɔkaa sɛ: Woahyɛ wo nkoa a ɛnnɛ wɔagye wo kra, wo mmammarima, wo mmammaa kra, wo yerenom kra ne wo mpenafoɔ kra no nyinaa aniwuo nnɛ,


Na Mordekai sane baa ɔhene ponkɛseɛ no mu, na Haman yɛɛ ntɛm de abooboodie kɔɔ ne fie, wɔ animguaseɛ mu.


Me nisuo ayɛ me aduane awia ne anadwo, sɛ wɔse me daa sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he?


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.


Gu ahome komm, nni owufoɔ ho abooboo, fa w’abɔtire bɔ wo ti, na fa wo mpaboa hyɛ wo nan, na nkata w’ano, na nni nnipa aduane.


na mo abotire bɛbobɔ mo ti, na mo mpaboa ahyehyɛ mo nan. Morentwa adwo na morensu, na mode awerɛhoɔ bɛhunu amane wɔ mo amumuyɛ mu, na moasisi apini akyerɛkyerɛ mo ho.


Na ɛda no ne nan bɛsisi Ngo-Bepɔ a ɛda Yerusalem ntentensoɔ apueeɛ fam no so, na Ngo-Bepɔ mfimfini bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam, na ayɛ bonhwa kɛseɛ pa ara, na bepɔ no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafoɔ fam.


Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, na wɔn na wɔbɛkyekyere wɔn werɛ.


Na ɛbaa sɛ ɔbɛnee Betfage ne Betania bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ ho no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu


Na ɔbɛnee deɛ wɔrebɛsiane Ngo Bepɔ no, asuafoɔ dɔm no nyinaa ani firii aseɛ gyee, na wɔde nne kɛseɛ yii Onyankopɔn ayɛ wɔ ahoɔdenneɛ a wɔahunu nyinaa nti


Na ɔbɛneeɛ no, ɔhwɛɛ kuro no suu wɔ so sɛ:


Nso da biara no, na ɔkyerɛkyerɛ asɔrefie hɔ awia, na anadwo na wafiri hɔ akɔtena bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ no so.


Na ɔfirii adi, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ Ngo Bepɔ no so; na asuafoɔ no nso dii n’akyi.


Ɛno na wɔfirii bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ a ɛbɛn Yerusalem bɛyɛ homeda kwan no so sane kɔɔ Yerusalem.


Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu.


Na sɛ kwaa baako hunu amane a, akwaa no nyinaa hunu bi; sɛ nso wɔhyɛ kwaa baako animuonyam a, akwaa no nyinaa ne no bom ani gye.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan