2 Samuel 15:2 - New Revised Asante Twi Bible2 Na Absalom sɔre anɔpahema kɔgyina kuro no pono ano kwan ho. Na obiara a ɔwɔ asɛm bi na ɔreba ɔhene nkyɛn abɛdie no, Absalom frɛ no bisa no sɛ: Kuro bɛn so na wofire? Na sɛ ɔbua sɛ: Israel mmusuakuo bi mu na w’akoa fire, a, Faic an caibideilTwerɛ Kronkron2 Na Absalom sɔre anɔpahema kɔgyina kuro no pono ano kwan ho. Na obiara a ɔwɔ asɛm bi na ɔreba ɔhene nkyɛn abɛdie no, Absalom frɛ no bisa no sɛ: Kuro bɛn so na wofire? Na sɛ ɔbua sɛ: Israel mmusuakuo bi mu na w’akoa fire, a, Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm2 Adekyee biara, ɔsɔre ntɛm na wakɔtena kuropɔn no pon ano. Na sɛ nnipa bi de asɛm bɛto ɔhene no anim sɛ ommu ho atɛn a, Absalom bebisa faako a wofi, na wɔakyerɛ abusuakuw a wofi mu. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm2 Adekyeɛ biara, ɔsɔre ntɛm na wakɔtena kuropɔn no ɛpono ano. Na sɛ nnipa bi de asɛm bɛto ɔhene no anim sɛ ɔmmu ho atɛn a, Absalom bɛbisa faako a wɔfirie, na wɔakyerɛ abusuakuo a wɔfiri mu. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON2 Na Absalom tuaa ahema kogyina kurow no pon ano kwan ho. Na obiara a ɔwɔ asɛm bi na ɔreba ɔhene nkyɛn abedi no, Absalom frɛ no sɛ: Kurow bɛn so na wufi? Na ose: Israel mmusuakuw bi mu na w’akoa fi a, Faic an caibideil |