Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 15:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na ne nkoa nyinaa sene faa ne nkyɛn; na Keretifoɔ nyinaa, Peletifoɔ nyinaa ne Gatfoɔ nyinaa, mmarima ahansia a wɔdii n’akyi firi Gat baeɛ no bɛtwaa mu ɔhene anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na ne nkoa nyinaa sene faa ne nkyɛn; na Keretifoɔ nyinaa, Peletifoɔ nyinaa ne Gatfoɔ nyinaa, mmarima ahansia a wɔdii n’akyi firi Gat baeɛ no bɛtwaa mu ɔhene anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 maa Dawid asraafo no betwaa wɔn ho dii wɔn anim. Nnipa a wɔkaa Dawid ho kɔe no yɛ Gitifo ahansia a wofi Gat a ne bammɔfo nso ka ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 maa Dawid akodɔm no bɛtwaa wɔn ho dii wɔn anim. Nnipa a wɔkaa Dawid ho kɔeɛ no yɛ Gitifoɔ ahansia a wɔfiri Gat a ne banbɔfoɔ nso ka ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na ne nkoa nyinaa sen faa ne nkyɛn; na Keretifo nyinaa ne Peletifo nyinaa ne Gatfo nyinaa, mmarima ahansia a wodii n’akyi fi Gat bae no, betwaam ɔhene anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 15:18
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene firii adi, na ɔman no nyinaa dii n’akyi, na wɔkɔgyinaa ɛdan bi a ɛtwa toɔ ho.


Na Dawid gyaa ɛdɔm no kwan de abupɛn mmiɛnsa mu baako hyɛɛ Yoab nsa, na ɔde baako hyɛɛ Seruia ba Abisai, Yoab nua, nsa, na ɔde baako hyɛɛ Gatni Itai nsa. Na ɔhene ka kyerɛɛ ɛdɔm no sɛ: Fire na me nso mene mo bɛfiri akorɔ.


Nso Yoab na na ɔdi Israel asraadɔm nyinaa soɔ, na Yoiada ba Benaia di Keretifoɔ ne Peletifoɔ soɔ.


Ɛnna Yoab mmarima ne Keretifoɔ ne Peletifoɔ ne nnɔmmarima no nyinaa tu dii n’akyire; na wɔfirii Yerusalem sɛ wɔreti Bikri ba Seba.


Enti Dawid ampɛ sɛ ɔde AWURADE adaka no ba ne nkyɛn, Dawid kuro no mu, na Dawid de mane kɔɔ Gitini Obed-edom fie.


na Yoiada ba Benaia na na ɔdi Keretifoɔ ne Peletifoɔ no soɔ, na Dawid mma ne asɔfoɔ.


Na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia, Keretifoɔ ne Peletifoɔ siane kɔe, na wɔde Salomo tenaa ɔhene afunumupɔnkɔ so, na wɔde no kɔɔ Gihon.


Na Yehoiada ba Benaia di Keretifoɔ ne Peletifoɔ no so. Na Dawid mma na wɔdi kan wɔ n’ankɔbeafoɔ no mu.


Ɛnna Dawid ne ne mmarima a wɔbɛyɛ ahansia no sɔre firii Keila, na wɔkɔɔ baabiara a wɔbɛtumi akorɔ. Na wɔkɔka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid adwane afiri Keila no, ɔgyaee n’akyiridie.


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: Mo nyinaa mmobɔ mo nkrantɛ mo asenem. Na wɔn nyinaa bobɔɔ wɔn nkrantɛ, na Dawid nso bɔɔ ne nkrantɛ, na ɛbɛyɛ mmarima ahanan foro dii Dawid akyi, na ahanu tenaa nnoɔma no ho.


Na Dawid ne Akis tenaa Gat, ɔno ne ne mmarima no, obiara ne ne fiefoɔ, Dawid ne ne yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail, Nabal yere no.


Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Dawid adwane kɔ Gat; na wankɔ so anhwehwɛ no bio.


Na Dawid ne ne mmarima no duruu Siklag da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na Amalekfoɔ abɛtua anafoɔ fam ne Siklag, na wɔabɔ Siklag, na wɔde ogya ahye.


Yɛkɔtuaa Keretifoɔ anafoɔ fam ne deɛ ɛyɛ Yuda dea no ne Kaleb anafoɔ fam, na yɛde ogya hyee Siklag.


Ɛnna Dawid sii mu kɔeɛ, ɔno ne mmarima ahansia a wɔka ne ho no. Na wɔduruu Besor subonhwa ho no, wɔn a wɔkaa akyire no soo hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan