Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 15:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Absalom somasomaa akwansrafoɔ maa wɔkɔɔ Israel mmusuakuo nyinaa mu kodɛɛ sɛ: Mote totorobɛnto nka ara pɛ a, monka sɛ: Absalom adi hene wɔ Hebron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na Absalom somasomaa akwansrafoɔ maa wɔkɔɔ Israel mmusuakuo nyinaa mu kodɛɛ sɛ: Mote totorobɛnto nka ara pɛ a, monka sɛ: Absalom adi hene wɔ Hebron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Bere a ɔwɔ hɔ no, ɔfaa sum ase somaa abɔfo kɔɔ Israel mmaa nyinaa kɔhwanyan ɔmanfo de tiaa ɔhene no. Ne nkra ne se, “Sɛ mote torobɛnto nne pɛ a, monka se, ‘Absalom adi hene wɔ Hebron.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, ɔfaa sum ase somaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa kɔhwanyanee ɔmanfoɔ de tiaa ɔhene no. Ne nkra ne sɛ, “Sɛ mote totorobɛnto nne pɛ a, monka sɛ, ‘Absalom adi ɔhene wɔ Hebron.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na Absalom somasomaa akwansrafo kɔɔ Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ: Mote torobɛnto nka ara pɛ a, monka sɛ: Absalom adi hene wɔ Hebron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 15:10
16 Iomraidhean Croise  

Nso na Absalom ahyɛ ne mmeranteɛ sɛ: Monhwɛ, na sɛ Amnon boro nsa tam na mese mo sɛ: Mommɔ Amnon a, monku no. Monnsuro, ɛnyɛ me na mahyɛ mo? Monyɛ den, na monyɛ mo ho mmarima.


Na ɔka kyerɛɛ n’asomfoɔ sɛ: Monhwɛ, Yoab afuo wɔ me deɛ ho na ɔwɔ atokoɔ wɔ hɔ, monkɔ nkɔto mu gya. Na Absalom nkoa no kɔtoo afuo no mu gya.


Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ. Na ɔsii mu kɔɔ Hebron.


Na Absalom a yɛsraa no ngo dii yɛn soɔ no nso atɔ dɔm ano; na afei adɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛkɔ akɔfa ɔhene asane aba yi?


Na yei akyiri no Dawid bisaa AWURADE sɛ: Memforo nkɔ Yuda nkuro bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kaa sɛ: Ɛhe na memforo nkɔ? Na ɔse: Hebron.


Na nna a Dawid dii Yuda fie so hene Hebron no ano si mfirinhyia nson ne abosome nsia.


Ɔdii Yuda so hene wɔ Hebron mfeɛ nson ne abosome nsia, na ɔdii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfeɛ aduasa mmiɛnsa wɔ Yerusalem.


Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Batseba, Salomo na sɛ: Dabrɛ wontee sɛ Hagit ba Adoniya redi hene, na yɛn wura Dawid nnim?


Na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan nsra no ngo mfa no nsi Israel so hene wɔ hɔ, na monhyɛne totorobɛnto sɛ: Ɔhene Salomo nkwa so oo!


Ɛnna wɔyɛɛ ntɛm yiyii wɔn ntadeɛ de hyehyɛɛ n’ase wɔn nan ase wɔ ntwedeɛ no ara soɔ, na wɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yehu adi hene!


Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pam AWURADE anim wɔ Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Samuel so kaeɛ no teɛ.


Na yeinom ne nnipa a na wɔamia ama akodie a wɔbaa Dawid nkyɛn Hebron, sɛ wɔbɛdane Saulo ahennie ama no, sɛdeɛ AWURADE asɛm no seɛ no dodoɔ:


Mmarima akofoɔ a wɔde akoma mu yii wɔn ho kɔɔ mpasua soɔ yi nyinaa baa Hebron, sɛ wɔde Dawid rebɛsi Israel nyinaa so hene. Na Israel nkaeɛ no nyinaa nso nyaa Dawid ahensie ho akoma korɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan