Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 13:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Na Dawid nua Simea ba Yonadab kaa sɛ: Mma me wura nnnwene sɛ wɔakum ɔhene mma mmeranteɛ no nyinaa, na Amnon nko na wawuo, na na Absalom ahyɛ firi da no a ɔbrɛɛ ne nua Tamar aseɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

32 Na Dawid nua Simea ba Yonadab kaa sɛ: Mma me wura nnnwene sɛ wɔakum ɔhene mma mmeranteɛ no nyinaa, na Amnon nko na wawuo, na na Absalom ahyɛ firi da no a ɔbrɛɛ ne nua Tamar aseɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Nanso ankyɛ biara na Yonadab a ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima no beduu hɔ kae se, “Dabi, ɛnte saa. Ɛnyɛ wo mma no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na wɔakum no. Efi bere a Amnon too ne nuabea Tamar mmonnaa no, na Absalom yɛɛ nʼadwene saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Nanso, ankyɛre biara na Yonadab a ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima no bɛduruu hɔ kaa sɛ, “Dabi, ɛnte saa. Ɛnyɛ wo mma no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na wɔakum no. Ɛfiri ɛberɛ a Amnon too ne nuabaa Tamar monnaa no, na Absalom yɛɛ nʼadwene saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

32 Na Dawid ne nua Simea ba Yonadab buae sɛ. Mma me wura nnnwen sɛ wɔakum ɔhene mma mmerante no nyinaa na Amnon nko na wawu, na ɛwɔ Absalom anom ara fi da no a ɔhyɛɛ ne nua Tamar ne no dae no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 13:32
6 Iomraidhean Croise  

Na Esau tanee Yakob wɔ nhyira a n’agya de hyiraa no no nti. Na Esau kaa no n’akoma mu sɛ: Nna a wɔde bɛsu m’agya no reyɛ abɛn, na merebɛkum me nua Yakob.


Na Amnon wɔ adamfo bi a wɔfrɛ no Yonadab, Dawid nua Simea ba. Na Yonadab yɛ onitefoɔ yie.


Na afei mma me wura ɔhene mmfa asɛm no nnhyɛ n’akoma mu, sɛ ɔhene mma nyinaa awuwu, na Amnon nko na wawuo.


Hwɛ, ɔmumuyɛfoɔ nyinsɛn amumuyɛ, na ɔnyem ɛhaw, na ɔwo atorɔ.


Na Yisai maa Sama twaa mu. Na ɔse: Oyi nso, AWURADE mfaa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan