Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 13:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Ɛnna Absalom kaa sɛ: Sɛ ɛnte saa a, mesrɛ wo ma me nua Amnon ne yɛn nkɔ. Na ɔhene bisaa no sɛ: Adɛn nti na ɔne wo nkorɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Ɛnna Absalom kaa sɛ: Sɛ ɛnte saa a, mesrɛ wo ma me nua Amnon ne yɛn nkɔ. Na ɔhene bisaa no sɛ: Adɛn nti na ɔne wo nkorɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Na Absalom kae se, “Sɛ saa na ɛte de a, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho.” Ɔhene no bisaa no se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbɛka mo ho?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Na Absalom kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho.” Ɔhene no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa Amnon?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Ɛnna Absalom kae sɛ: Sɛ ɛnte saa a, ma me nua Amnon ne yɛn nkɔ. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na ɔne wo nkɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 13:26
8 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Dabi, me ba, mma yɛn nyinaa nnkɔ, na yɛankɔyɛ wo so adesoa. Na ɔsrɛɛ no ara, nanso wampɛ sɛ ɔkorɔ, na ɔhyiraa no.


Na Absalom hyɛɛ no ara, na ɔmaa Amnon ne ɔhene mma no nyinaa ne no kɔe.


Na Yoab bisaa Amasa sɛ: Me nua, wo ho yɛ anaa? Na Yoab de ne nsa nifa kɔsɔɔ Amasa bɔgyesɛ mu sɛ ɔrefe n’ano.


Na Abner sane baa Hebron no, Yoab de no mane kɔɔ kuro pono no mu, sɛ ɔne no rekɔkasa kokoam; ɛhɔ na ne nua Asahel mogya nti ɔkɔwɔɔ ne yafunum sekan maa no wuiɛ.


N’anomu nsɛm yɛ fekɔɔ sene bɔta, na ɔko wɔ n’akomam. Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sene ngo, nanso ɛyɛ mfena a wɔatwe.


Deɛ ɔtane obie no de n’ano kyerɛ asɛm bi, na ne mu deɛ, ɔsiesie nkontompo.


Enti sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mɛnane wɔn na masɔ wɔn mahwɛ, na menyɛ dɛn, me man babaa no ho?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan