Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 13:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na mfeɛ mmienu akyiri no, Absalom maa wɔkɔtwitwaa ne nnwan ho wɔ Baal-hasor a ɛbɛne Efraim no, na Absalom hyiaa ɔhene mma nyinaa kɔɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na mfeɛ mmienu akyiri no, Absalom maa wɔkɔtwitwaa ne nnwan ho wɔ Baal-hasor a ɛbɛne Efraim no, na Absalom hyiaa ɔhene mma nyinaa kɔɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Mfe abien akyi, da koro bi a na wɔretwitwa Absalom nguan ho nwi wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hye so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmabarima nyinaa sɛ wɔmmra hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Mfeɛ mmienu akyi, ɛda koro bi a na wɔretwitwa Absalom nnwan ho nwi wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hyeɛ so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmammarima nyinaa sɛ wɔmmra hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na mfe abien akyi no, Absalom ma wokotwitwaa ne nguan ho wɔ Baal-hasor a ɛda Efraim ho na Absalom hyiaa ɔhene mma nyinaa kɔɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 13:23
13 Iomraidhean Croise  

Na Laban kɔ rekɔtwitwa ne nnwan ho nwi. Na Rahel wiaa n’agya abusua honi.


Na Absalom baa ɔhene nkyɛn bɛkaa sɛ: Hwɛ, w’akoa rema wɔakɔtwitwa ne nnwan ho nwi; enti mesrɛ ma ɔhene ne ne nkoa ne w’akoa nkɔ.


Na wakum anantwie ne nyɛmmoa ne nnwan bebree, na wahyiahyia ahene mma nyinaa ne Ɔsɔfoɔ Abiatar ne Ɔsahene Yoab, na w’akoa Salomo deɛ, wanto ne nsa amfrɛ no.


Na ɛnnɛ wasiane kɔ, na wakɔkum anantwie ne anantwie a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan bebree, na wahyia ɔhene mma nyinaa ne asafohene ne Ɔsɔfoɔ Abiatar, na hwɛ, wɔredidi na wɔrenom n’anim, na wɔka sɛ: Ɔhene Adoniya nkwa so!


Na Adoniya kumm nnwan, anantwie ne anantwie a wɔadɔre sradeɛ wɔ Sohelet Boɔ a ɛwɔ En-rogel ho no so, na ɔhyiahyiaa ne nuanom ahene mma no nyinaa ne Yuda mmarima a wɔyɛ ɔhene nkoa no nyinaa.


Na Moabhene Mesa yɛ nnwanyɛnfoɔ, na ɔmaa Israel hene nnwanten mma mpemha ne adwennini mpemha ho nwi.


Na ɔtotoo aban atentene nso ɛserɛ so, na ɔtutuu mmura pii, ɛfiri sɛ na ɔwɔ mmoakuo bebree mpaperɛ ne asaseta so. Ɔwɔ akuafoɔ ne bobeturoyɛfoɔ, mmepɔ so ne Karmel so, ɛfiri sɛ na ɔpɛ kua.


Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛseɛ; ɔwɔ nnwan mpensa ne mmirekyie apem; na ɔretwitwa ne nnwan ho wɔ Karmel.


Na Abigail kɔɔ Nabal nkyɛn, na hwɛ, wato ne ho pono ne fie hɔ sɛ ɔhene pono na Nabal ani agye ne ho, na waboro titaa. Na wanka no hwee kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ.


Na Dawid tee no ɛserɛ so hɔ sɛ Nabal retwitwa ne nnwan ho.


Na afei, mate sɛ wowɔ nnwan ho twitwafoɔ; afei wo nnwanhwɛfoɔ a wowɔ wɔn no ne yɛn tenaeɛ no, yɛampoopoo wɔn, na wɔn biribiara nso anyera berɛ a wɔtenaa Karmel no nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan