Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 12:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Adɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtia ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrantɛ akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na wode Amonfoɔ nkrantɛ adi no awu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Adɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtia ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrantɛ akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na wode Amonfoɔ nkrantɛ adi no awu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Adɛn nti na woabu Awurade asɛm animtiaa, na woayɛ bɔne a ɛte saa? Woakum Hetini Uria, awia ne yere.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Adɛn enti na woabu Awurade asɛm animtia, na woayɛ bɔne a ɛte saa? Woakum Hetini Uria, awia ne yere.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛdɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtiaa ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrante akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na ɔno de, wode Amonfo nkrante adi no awu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 12:9
23 Iomraidhean Croise  

Na Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔfaa ɔbaa no baa ne nkyɛn, na ɔne no dae. Na ɔsane kɔɔ ne fie. (Nso ɛberɛ no mu na ɔredwira ne ho afiri ne nsabuo no mu.)


Na afei nkrantɛ remfiri wo fie da, ɛsiane sɛ woabu me animtia na woafa Hetini Uria yere abɛyɛ wo yere.


Na Simei redome no, sɛ ɔkaeɛ nie: Firi adi, firi adi, mogyapɛfoɔ, onipa huhuni!


ɛfiri sɛ Dawid yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na wammane amfiri biribiara a ɔhyɛɛ no ho, ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria asɛm no nko ara mu.


na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Woadi awu, na woafa obi adeɛ adi so? Na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Faako a akraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ na akraman bɛtafere wo nso wo mogya.


Na ɔde ne mma bɔɔ afɔdeɛ ogya mu Hinom ba bonhwa no mu, na ɔdii abayisɛm, bisaa adeɛ, yii ntafowa, na ɔyɛɛ asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne bebree pa ara de huruu ne bo.


Onyankopɔn, me nkwagyeɛ Nyankopɔn, gye me firi mogya ho fɔ mu, na me tɛkyerɛma ato wo tenenee ho ahurisie dwom.


Na wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ, ɔhyeɛ afɔdeɛ nsɔ w’ani.


Wo nko ara na mafom woɔ, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so bɔne, na woadi bem wo kasa mu, na wo ho ate, w’atemmuo mu.


Wode yɛn amumuyɛ asi w’anim, wode yɛn kokoam bɔne aba w’anim hann no mu.


Deɛ ɔnante ne teeyɛ mu no suro AWURADE, na deɛ ɔkyea n’akwan no bu no animtia.


Enti, sɛdeɛ ogyaframa di nkyɛnkyɛmma na ogyaframfram hye wira dwaneeɛ no, saa ara nso na wɔn nhini bɛporɔ, na wɔn nhwiren bɛtu akɔ sɛ mfuturo, ɛfiri sɛ wɔapo asafo AWURADE mmara, na wɔabu Israel Kronkronni no asɛm animtia.


Na sɛ wɔyɛ m’ani so bɔne, antie me a, ɛnneɛ mɛnu me ho, yie a mekaa sɛ mɛyɛ wɔn no ho.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Yuda amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔapo AWURADE mmara na wɔanni n’ahyɛdeɛ soɔ, na wɔn torɔ a wɔn agyanom dii akyire no ma wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ nti.


Adɛn nti na woantie AWURADE, na woato ahyɛ asadeɛ soɔ, na woayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne yi?


Na atuateɛ te sɛ woakɔ abisa, na asoɔden te sɛ amumuyɛ ne ahonisom. Ɛsiane sɛ woapo AWURADE asɛm nti, ɔno nso apo wo afiri ahennie no so.


Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Me ne wo rensane nkɔ, ɛfiri sɛ woapo AWURADE asɛm, na AWURADE nso apo wo sɛ nni Israel so hene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan