Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 11:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na Uria buaa Dawid sɛ: Onyankopɔn adaka no ne Israel ne Yuda tete asese mu, na me wura Yoab ne me wura nkoa abobɔ nsraban wiram, na me deɛ, menkɔ me fie menkɔdidi na mennom na me ne me yere nna anaa? Sɛ wote aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merenni saa asɛm yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na Uria buaa Dawid sɛ: Onyankopɔn adaka no ne Israel ne Yuda tete asese mu, na me wura Yoab ne me wura nkoa abobɔ nsraban wiram, na me deɛ, menkɔ me fie menkɔdidi na mennom na me ne me yere nna anaa? Sɛ wote aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merenni saa asɛm yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Uria buae se, “Apam Adaka no ne Israel asraafo ne Yuda tete ntamadan mu, na Yoab nso ne ne mpanyimfo abɔ atenae wɔ wuram baabi petee mu. Na ɛbɛyɛ dɛn na matumi akɔ fie akɔnom nsa, adidi na me ne me yere akɔda? Meka ntam se merenyɛ eyi na madi ho fɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Uria buaa sɛ, “Apam Adaka no ne Israel akodɔm ne Yuda tete ntomadan mu, ɛnna Yoab nso ne ne mpanimfoɔ abɔ atenaeɛ wɔ wiram baabi petee mu. Na ɛbɛyɛ dɛn na matumi akɔ efie akɔnom nsã, adidi na me ne me yere akɔda? Meka ntam sɛ merenyɛ yei na madi ho fɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na Uria ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Onyankopɔn Adaka no, ne Israel ne Yuda tete asese mu na me wura Yoab ne me wura nkoa abobɔ wuram nsra na me de, menkɔ me fi minkodidi na mennom na me ne me yere nna anaa? Sɛ wote ase na wo kra te ase yi, merenni saa asɛm yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 11:11
19 Iomraidhean Croise  

Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Uria ansiane ankɔ ne fie. Na Dawid bisaa Uria sɛ: Ɛnyɛ ɔkwan na wofiri baeɛ? Adɛn nti na woansiane ankɔ wo fie?


Na ɔhene bisaa no sɛ: Yoab nka wo ho yei nyinaa mu anaa? Na ɔbaa no buaa sɛ: Sɛ wo kra te aseɛ yi, me wura ɔhene, ɛnyɛ sɛ obi bɛmane nifa anaa benkum afiri deɛ me wura ɔhene aka no nyinaa ho; na w’akoa Yoab na ɔhyɛɛ me, na ɔno ara na ɔde nsɛm yi nyinaa hyɛɛ w’afenaa anomu;


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Afei deɛ, Bikri ba Seba bɛyɛ yɛn bɔne asene Absalom deɛ no mpo: Wo deɛ, fa wo wura mmarima no na ti no, na wannya afasuo nkuro no bi amfa, na wammɛha yɛn.


ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete tweneduro dan mu, na Nyankopɔn adaka si ntomadan mu.


Na ɛfiri da a meyii Israelfoɔ firii Misraim baeɛ de bɛsi nnɛ yi mentenaa efie mu da, na mmom menam ntomadan tenabea mu.


Na Mose ka kyerɛɛ Gad mma ne Ruben mma no sɛ: Mo nuanom nkɔko, na mo deɛ, montena ha?


Afei sɛ me, Awurade ne Kyerɛkyerɛfoɔ no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro mo ho mo ho nan ho.


Sɛ yɛgyina pintinn a, yɛne no bɛdi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.


Na ɔkaa sɛ: O me wura, sɛ wo kra te aseɛ yi, me wura, mene ɔbaa a ɔbɛgyinaa wo nkyɛn ha yi bɔɔ AWURADE mpaeɛ no.


Na Saulo ka kyerɛɛ Ahiya sɛ: Kɔfa Nyankopɔn adaka no bra. Nso ɛda no na Nyankopɔn adaka no wɔ Israelfoɔ no nkyɛn.


Na Saulo hunuu Dawid sɛ ɔrefiri adi akɔhyia Filistini no no, ɔka kyerɛɛ ne safohene Abner sɛ: Abner, hwan ba ne aberanteɛ yi? Na Abner se: Ɔhene, sɛ wo kra te aseɛ yi, mennim.


Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim adom, enti na ɔse: Wɔmmma Yonatan nnhunu yei, na anyɛ no ya; na ampa ara, sɛ AWURADE te aseɛ, na wo kra nso te aseɛ yi, nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam.


Na afei, me wura, sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, AWURADE asianka wo, na woammɛdi mogya ho so sɛ wode wo ara wo nsa bɛtɔ were. Na afei ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal.


Ɛnna ɔman no soma maa wɔkɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no baeɛ, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Nyankopɔn apam adaka no ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan