Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 10:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Yoab hunuu sɛ ɛdɔm no kyerɛ n’anim ne n’akyiri no, ɔyii Israel mu dɔmmarima nyinaa mu bi maa wɔmia kɔhyiaa Siriafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Yoab hunuu sɛ ɛdɔm no kyerɛ n’anim ne n’akyiri no, ɔyii Israel mu dɔmmarima nyinaa mu bi maa wɔmia kɔhyiaa Siriafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Bere a Yoab huu sɛ ɔrebɛko akofanu no, oyii asraafo a wɔyɛ nnam. Ɔno ara dii wɔn so safohene, dii wɔn anim, kɔko tiaa Aramfo no wɔ mfikyiri hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛberɛ a Yoab hunuu sɛ ɔbɛko akofanu no, ɔyii akodɔm a wɔyɛ nnam. Ɔno ara dii wɔn so safohene, dii wɔn anim, kɔko tiaa Aramfoɔ no wɔ mfikyire hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Yoab hui sɛ dɔm no ani kyerɛ no anim ne akyiri no, ɔpaw Israel mu dɔmmarima nyinaa mu bi ma wotwitwa kohyiaa Siriafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 10:9
6 Iomraidhean Croise  

Na ne dɔm no nkaeɛ no, ɔde wɔn hyɛɛ ne nua Abisai nsa maa no twa kɔhyiaa Amonfoɔ.


Na Amonfoɔ firii adi bɛtwaa mpasua kuro no pono ano; na Soba ne Rehob, Siriafoɔ ne Tob ne Maaka mmarima no nko gyinaa wiram.


Na Dawid gyaa ɛdɔm no kwan de abupɛn mmiɛnsa mu baako hyɛɛ Yoab nsa, na ɔde baako hyɛɛ Seruia ba Abisai, Yoab nua, nsa, na ɔde baako hyɛɛ Gatni Itai nsa. Na ɔhene ka kyerɛɛ ɛdɔm no sɛ: Fire na me nso mene mo bɛfiri akorɔ.


Na Yuda danedanee wɔn ani no, na hwɛ, ɛdɔm no wɔ anim ne akyire. Ɛnna wɔteaa mu frɛɛ AWURADE, na asɔfoɔ no hyenhyɛnee ntotorobɛnto.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan