Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 10:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na Siriafoɔ dwanee Israel anim; na Dawid kunkumm Siriafoɔ mu nteaseɛnamfoɔ ahanson ne apɔnkɔfoɔ mpem aduanan, na ɔpiraa ɔsahene Sobak maa no wuu wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na Siriafoɔ dwanee Israel anim; na Dawid kunkumm Siriafoɔ mu nteaseɛnamfoɔ ahanson ne apɔnkɔfoɔ mpem aduanan, na ɔpiraa ɔsahene Sobak maa no wuu wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Nanso Aramfo no guan fii Israelfo no anim bio. Saa bere no, Dawid asraafo no kunkum nteaseɛnamkafo ahanson ne apɔnkɔsotefo mpem aduanan a Sobak a na ɔyɛ wɔn sahene no ka ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Nanso, bio, Aramfoɔ no dwane firii Israelfoɔ no anim. Saa ɛberɛ yi, Dawid akodɔm no kunkumm nteaseɛnamkafoɔ ahanson ne apɔnkɔsotefoɔ mpem aduanan a Sobak a na ɔyɛ wɔn sahene no ka ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na Siriafo guanee Israel anim na Dawid kunkum Siriafo mu nteaseɛnamfo ahansɔn ne apɔnkɔsotefo ɔpeduanan, na opiraa ɔsahene Sobak ma owui hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 10:18
10 Iomraidhean Croise  

Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, na ɔkɔtwaa Yordan kɔɔ Helam. Na Siriafoɔ twitwaa mpasua hyiaa Dawid, na wɔne no koe.


Na Dawid kyeree wɔn apɔnkɔsotefoɔ no mu apem ahanson ne anammɔnmufoɔ mpem aduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ɔgyaa wɔn mu nteaseɛnam ɔha deɛ.


Ɔno na ɔboaa mmarima ano, na ɔyɛɛ asafo no so safohene, berɛ a Dawid kumm Sobafoɔ no; na wɔkɔɔ Damasko kɔtenaa hɔ, na ɔdii hene Damasko.


Na Siriafoɔ dii nkoguo wɔ Israel anim, na Dawid kunkumm Siriafoɔ mu nteaseɛnamfoɔ mpemnson ne anammɔn mufoɔ mpemaduanan, na ɔkum ɔsahene Sofak nso.


Mebobɔɔ wɔn, na wɔantumi ansɔre, wɔtotɔree me nan ase.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Sɛ wisie tu korɔ no, sɛ bɔ wɔn guo ara ne no; sɛ akraa nane ogya ho no, sɛ abɔnefoɔ bɛsɛe Nyankopɔn anim ne no.


Na AWURADE tɔnee wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a ɔdi hene wɔ Hasor no nsa. Na ne safohempanin ne Sisera; na ɔte Haroset-hagoyim.


Na hwɛ, na Barak reti Sisera; na Yael firii adi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no. Na ɔbaa ne nkyɛn. Na hwɛ, na Sisera da hɔ awu, na pɛɛwa no tua n’asontorɔ mu.


Ɔtenee ne nsa sɔɔ pɛɛwa mu, na ne nifa kuraa adwumayɛfoɔ saeɛ, na ɔde bɔɔ Sisera pɛkyɛɛ ne ti, ɔfitiiɛ na ɔde bɔɔ n’asontorɔ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan