Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 1:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Israel mmammaa, Saulo na monsu no, ɔno na ɔfiraa mo ntoma kɔkɔɔ maa no yɛɛ fɛ, na ɔde sika ahyehyɛdeɛ guguu mo ntadeɛ soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Israel mmammaa, Saulo na monsu no, ɔno na ɔfiraa mo ntoma kɔkɔɔ maa no yɛɛ fɛ, na ɔde sika ahyehyɛdeɛ guguu mo ntadeɛ soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 “Israel mmabea, munsu Saulo, efisɛ ofuraa mo ntama pa, hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agude.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 “Ao, Israel mmaa, monsu Saulo, ɛfiri sɛ, ɔfiraa mo ntoma pa, hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agudeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Israel mmabea, Saul na munsu no, ɔno na ofuraa mo atankɔkɔɔ ma ɛyɛɛ fɛ, na ɔde sika ahyehyɛde guguu mo ntade so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 1:24
10 Iomraidhean Croise  

Saulo ne Yonatan, wɔyɛ adɔfoɔ ne ahoɔfɛfoɔ. Wɔn nkwa mu ne wɔn wuo mu nso wɔanni ntetemu. Wɔn ho yɛ hare sene akɔdeɛ, wɔn ho yɛ den sene agyata.


Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ ɔko mu! Wɔahwire Yonatan mu wo sorɔnsorɔmmea so.


Atamfoɔ dɔm ahemfo bɛdwanedwane, na ɔbaa a ɔte fie no akyekyɛ asadeɛ mu.


Sɛdeɛ sika asomuadeɛ ne sika amapa ahyehyɛdeɛ teɛ no, saa na onimkafoɔ nyansafoɔ teɛ wɔ aso a ɛte asɛm soɔ.


Ɔnsuro sukyerɛmma mma ne fiefoɔ, na ne fiefoɔ nyinaa firafira atankɔkɔɔ.


Ababaa werɛ bɛfiri n’ahyehyɛdeɛ, anaa ayeforɔ werɛ bɛfiri n’atadeɛ? Nanso me man deɛ, wɔn werɛ afiri me nna a wɔntumi nkan.


Wɔrennya asadeɛ nkyɛ? Ababaa baako anaa baanu mma ɔbarima baako, ntadeɛ a wɔahyɛ no aduro asadeɛ mma Sisera, ntadeɛ a wɔahyɛ no aduro adi mu adwini asadeɛ, mpaneɛadwuma ntoma nworonnworan ahodoɔ mmienu a ɛbɛkata me kɔn mu sɛ asadeɛ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan