Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 1:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ne nnansa soɔ no, hwɛ, ɔbarima bi firi nsra no mu wɔ Saulo nkyɛn bae, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi. Na ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ne nnansa soɔ no, hwɛ, ɔbarima bi firi nsra no mu wɔ Saulo nkyɛn bae, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi. Na ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ne nnansa so no, ɔbarima bi fi Saulo nsraban mu a watetew ne ntade mu, atu mfutuma agu ne ti mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo bae. Oduu Dawid nkyɛn no, ɔdan ne ho hwee fam nidi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ne nnansa so no, ɔbarima bi firi Saulo sraban mu a watete ne ntadeɛ mu, atu mfuturo agu ne tiri mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo baeɛ. Ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔdanee ne ho hwee fam anidie mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na da a ɛto so abiɛsa no, hwɛ, ɔbarima bi fi Saul nsra no mu bae, na n’atade asunsuan, na dɔte gu n’atifi; na oduu Dawid nkyɛn no, ɔhwee fam kotow no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 1:2
25 Iomraidhean Croise  

Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu beaeɛ hɔ wɔ akyirikyiri.


Na Ruben sane baa abura no so, na hwɛ, na Yosef nni abura no mu. Na ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu,


Ɛnna Yakob sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma bɔɔ n’asene, na ɔsuu ne ba no kyɛree.


Na wɔse: W’akoa, yɛn agya no ho yɛ, ɔda so te ase. Na wɔbobɔɔ wɔn mu ase kotoo no.


Na Dawid bisaa no sɛ: Ɛhe na wofiri reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Israel nsram na mefiri dwaneeɛ yi.


Ɛnna Tamar sesaa nso guu n’atifi, na ɔsunsuanee n’atadeɛ nworonnworan a ɛhyɛ no no mu, na ɔde ne nsa guu ne ti de benabɔ ara kɔe.


Na ɛberɛ a Tekoani baa no baa ɔhene nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase wɔ ɔhene anim kaa sɛ: Ɔhene boa me!


Na Dawid duruu bepɔ no atifi deɛ wɔsɔre Onyankopɔn no, hwɛ, Arkini Husai bɛhyiaa no a, wasunsuane n’atadeɛ mu na dɔteɛ gu n’atifi.


Na Arauna hwɛeɛ no, ɔhunuu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔresene aba ne nkyɛn. Na Arauna firii adi kɔbɔɔ ne mu ase ɔhene anim.


deɛ ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, Saulo awu, na ɛyɛɛ n’ani so sɛ asɛmpa na ɔde abrɛ me no, mekyeree no mekumm no Siklag, mede metuaa no n’asɛm no so ka,


Kɔhyia Yudafoɔ a wɔhu wɔn Susa nyinaa boa ano, na me nti monni mmuada, na monnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bɛdi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara soɔ; na sɛ mewu a, na mawu.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Ester hyɛɛ ɔhemmaa atadeɛ, na ɔkɔgyinaa ahemfie emu fam abannwa so, ɔhene dan no ntentensoɔ. Na ɔhene no te n’ahennwa so wɔ ahemfie, efie no pono ano ntentensoɔ.


Monse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛseɛ nti w’atamfo bɛkoto wo.


na wo so na wɔmema wɔn nne soɔ, na wɔteam yayaaya de dɔteɛ gugu wɔn atifi yantamyantam nso mu,


Nnanu akyiri no ɔbɛma yɛanya nkwa, da a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɔbɛma yɛasɔre na yɛanya n’anim nkwa.


Monsunsuane mo akoma, na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu, na monsane mmra AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn, na ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ so, na ɔsakyera n’adwene wɔ adebɔne ho.


Na sɛdeɛ Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛdi asase ase nnansa awia ne anadwo.


Na ɛfiri saa berɛ no na Yesu Kristo fitii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na ɔkɔhunu amane pii mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nsam, na wɔakum no, na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no wanyane.


Na Yosua sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde n’anim butuu fam, AWURADE adaka no anim de kɔsii anwummerɛ, ɔno ne Israel mpanimfoɔ, na wɔde dɔteɛ guguu wɔn atifi.


Hwɛ, mede ebinom a wɔfiri Satan hyiadan mu, a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ, na wɔnyɛ, na mmom wɔdi atorɔ no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkoto wo nan ase, na wɔahunu sɛ madɔ wo.


Abɔfra no kɔeɛ; na Dawid sɔre firii aboɔkuo no ho, na ɔde n’anim bɛbutuu fam na ɔkotoo mprɛnsa, na wɔfefee wɔn ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid deɛ boroo so.


Na Abigail hunuu Dawid no, ɔyɛɛ ntɛm firii n’afunumu so sii fam, na ɔde n’anim butuu Dawid anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam,


Na Benyaminni bi firi mpasua no mu tutuu mmirika baa Silo da no ara, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi.


Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Eli sɛ: Mene deɛ ɔfiri mpasua mu baeɛ no. Ɛnnɛ na mefiri mpasua no mu medwaneeɛ. Na ɔse: Asɛm no te sɛn, me ba?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan