Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Samuel 1:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛnna megyinaa ne so kumm no, ɛfiri sɛ na menim sɛ n’ahweaseɛ akyiri no, ɔrennya nkwa. Na mefaa abotire a ɛbɔ ne tire ne kapo a ɛhyɛ ne nsa no, na mede mabrɛ me wura wɔ ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ɛnna megyinaa ne so kumm no, ɛfiri sɛ na menim sɛ n’ahweaseɛ akyiri no, ɔrennya nkwa. Na mefaa abotire a ɛbɔ ne tire ne kapo a ɛhyɛ ne nsa no, na mede mabrɛ me wura wɔ ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Enti migyinaa ne so kum no, efisɛ na minim sɛ tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na mituu nʼahenkyɛw a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so atweaban no sɛ mede rebrɛ wo, me wura.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Enti, megyinaa ne so kumm no, ɛfiri sɛ, na menim sɛ tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na metuu nʼahenkyɛ a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so kapo no sɛ mede rebrɛ wo, me wura.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Ɛnna migyinaa no so mikum no, na minim sɛ n’asehwe akyi no, ɔrennya nkwa. Na mefaa abotiri a ɛbɔ ne ti ne kapo a ɛhyɛ ne nsa no, na mede mabrɛ me wura ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Samuel 1:10
10 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wo mogya ngu w’atifi, na w’ano na adi wo adanseɛ sɛ: Me na makum deɛ AWURADE asra no ngo no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Bɛgyina me so ku me, na nketenkete akuta me, nso me kra nyinaa da so wɔ me mu.


Na ɔyii wɔn hene abotire firii ne ti; na emu duro yɛ sika dwetikɛseɛ, na aboɔden aboɔ wɔ mu, na wɔde bɔɔ Dawid ti, na ɔde kuro no mu asadeɛ bebree pa firi baeɛ.


Na ɔyii ɔhene ba no firii adi, na ɔde ahemmotire no bɔɔ ne ti, na ɔde adanseɛ nwoma no hyɛɛ ne nsa, na wɔsii no hene, na wɔsraa no ngo, na wɔbobɔɔ wɔn nsam sɛ: Ɔhene tiri nkwa!


Yɛn abotire ayi atɔ fam. Yɛn ara yɛnnue, na yɛayɛ bɔne.


Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo.


Ɛnna Adoni-besek kaa sɛ: Ahemfo aduɔson a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobetie atwitwa tasetasee me pono ase; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛwuu wɔ hɔ.


Ɛnna ɔfrɛɛ n’akoa a ɔso n’akodeɛ ntɛm ka kyerɛɛ no sɛ: Twe wo nkrantɛ ku me, na wɔanka no me ho sɛ ɔbaa na ɔkumm no. Na n’abɔfra no wɔɔ no maa no tɔree.


Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Doeg sɛ: Wo deɛ, dane wo ho na ka asɔfoɔ no. Na Edomni Doeg danee ne ho na ɔkaa asɔfoɔ no kumm mmarima aduɔwɔtwe nnum a wɔhyɛ nwera asɔfotadeɛ da no ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan