Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 9:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na adeɛ kyeeɛ no, AWURADE yɛɛ saa adeɛ no, na Misraim mmoa nyinaa wuwui, na Israel mmoa no mu baako mpo anwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na adeɛ kyeeɛ no, AWURADE yɛɛ saa adeɛ no, na Misraim mmoa nyinaa wuwui, na Israel mmoa no mu baako mpo anwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na ade kyee no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no wuwui, nanso Israelfo no ayɛmmoa baako mpo koraa anwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na ɛbaa saa. Adeɛ kyeeɛ no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no hyɛɛ aseɛ wuwuiɛ, nanso Israelman mu deɛ, ayɛmmoa baako mpo koraa anyare.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na ade kyee no, AWURADE yɛɛ saa ade no, na Misraim mmoa nyinaa wuwui, na Israelfo mmoa no mu biako po anwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 9:6
10 Iomraidhean Croise  

na ɔyii wɔn afieboa maa asukɔtweaa, ne wɔn mmoakuo maa asraman.


Ɔbɔɔ kwan maa n’abufuo, wankora wɔn kra amfiri owuo mu, na ɔyii wɔn nkwa maa owuyadeɛ.


Na merebɛtwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na mɛbu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE.


Na anadwo dasuo mu no, AWURADE bobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri Farao abakan a ɔtena n’adwa soɔ so de kɔsi dommum a ɔwɔ deduadan mu abakan so ne afieboa mmakan nyinaa.


Na mɛhyɛ Gosen asase a me man te soɔ no nso da no, na nwansena no amma hɔ, na wode ahunu sɛ mene AWURADE wɔ asase nyinaa so.


Na ɔsoro aboɔ no guu Misraim asase nyinaa so, deɛ ɛwɔ wiram nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na ɔsoro aboɔ no guu wiram nhahan nyinaa so, na ɛbubuu wiram nnua nyinaa.


Gye Gosen asase a Israelfoɔ wɔ soɔ no so nko na ɔsoro aboɔ no bi antɔ.


Na AWURADE de nsonsonoeɛ bɛto Israel mmoa ne Misraim mmoa ntam, na deɛ ɛyɛ Israelfoɔ dea no mu biara renwu.


Na AWURADE hyɛɛ da sɛ: Ɔkyena na AWURADE bɛyɛ yei wɔ asase soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan