Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 9:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Nanso yei nti na mema wogyina hɔ, sɛ mɛyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Nanso yei nti na mema wogyina hɔ, sɛ mɛyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Nanso manyɛ no saa, efisɛ na mepɛ sɛ meda me tumi adi kyerɛ wo ne asase sofo nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Nanso manyɛ no saa, ɛfiri sɛ, na mepɛ sɛ meda me tumi adi wɔ ewiase afanan nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Nanso eyi nti na mema wugyina hɔ, sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 9:16
30 Iomraidhean Croise  

Na ɔman foforɔ bɛn na ɛwɔ asase soɔ a ɛte sɛ wo man Israel, wɔn a Onyankopɔn akɔgye wɔn afa ayɛ ne man na ɔde agye din, na wayɛ nnoɔma akɛseakɛse a ɛyɛ hu ama wɔn, ɛberɛ a wogyee wo man firii Misraim maa wo ho, wɔ amanaman ne wɔn anyame nsam no anim?


Na anadwo no ara AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsra mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, na wɔn nyinaa yɛ awufoɔ afunu.


Monka n’animuonyam wiase aman mu, ne n’anwanwadeɛ aman nyinaa mu.


Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofoɔ nyinaa so, na wohunuu sɛ wɔadi yɛn agyanom so ahantansɛm; na wogyee din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Nanso ne din nti ɔgyee wɔn, sɛ ɔbɛma wɔahunu ne mmaninyɛ.


Na nnipa nyinaa bɛsuro, na wɔaka Nyankopɔn adwuma, na wɔahunu ne nneyɛɛ mu.


Na nnipa abufuhyeɛ dane wo ayeyie, wode abufuhyeɛ a ɛboro soɔ bɔ abɔsoɔ.


Na me deɛ, hwɛ, mɛpirim Misraimfoɔ akoma, na wɔabɛdi wɔn akyi, na mɛhyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so,


Na mɛpirim Farao akoma ama no ati wɔn, na mɛhyɛ m’anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfoɔ ahunu sɛ mene AWURADE. Na Israelfoɔ yɛɛ saa.


Afei na mahunu sɛ AWURADE yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa, ɛfiri sɛ ɔyii ɔman no firii Misraim nsam, berɛ a wɔredi wɔn so ahantansɛm.


Na afei sɛ matene me nsa na mede owuyadeɛ mabɔ wo ne wo man a, anka wɔatwa wo afiri asase so.


Woda so ma wo ho so na wosi me man kwan sɛ woremma wɔnkɔ.


AWURADE yɛ ade nyinaa ma botaeɛ bi nti, ɔbɔnefoɔ mpo ma da bɔne.


Wo a woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ Misraim asase so de bɛsii nnɛ da yi, ne Israel ne nnipa nyinaa mu, na wode gyee din, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Na mede m’animuonyam bɛsi amanaman nyinaa mu na wɔahunu m’atɛn a mabuo ne me nsa a mede ato wɔn soɔ;


Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Nnome nka deɛ ɔsisie, ɔde onini a ɔwɔ ne nnwankuo mu hyɛ bɔ, nanso ɔde deɛ watɔ ape bɔ AWURADE afɔdeɛ no; ɛfiri sɛ ɔhenkɛseɛ ne me, asafo AWURADE na ɔseɛ, na me din ho yɛ hu, amanaman mu.


nanso sɛ mete aseɛ na AWURADE animuonyam bɛhyɛ asase nyinaa ma yi,


Na atwerɛ no see Farao sɛ: Yei ara nti na mama wo so sɛ mɛyi me tumi adi wɔ wo mu, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.


Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyi n’abufuo adi, na ɔma wɔhunu ne tumidie, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuo adeɛ a wɔasiesie ama ɔsɛeɛ no mu,


na asase so aman nyinaa ahunu AWURADE nsa sɛ ɛyɛ den, na moasuro AWURADE mo Nyankopɔn.


Na yei yɛ animuonyam, sɛ Nyankopɔn ho ahonim nti, obi de awerɛhoɔ hunu amane a ɛmfata no, nanso ɔgyina hɔ pintinn.


ne suntiboɔ ne suntiduatoɔ botan ama wɔn. Wɔn na wɔsunti, ɛfiri sɛ wɔntie asɛm no. Ɛno nti na wɔyii wɔn maeɛ.


Na nnipa bi awiawia wɔn ho aba mu a wɔfiri tete atwerɛ wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɛfoɔ a wɔdane yɛn Nyankopɔn adom ahohwie, na wɔpo Owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.


Buei, yɛnnue! Hwan na ɔbɛyi yɛn afiri anyame atumfoɔ yi nsam? Yeinom ne anyame a wɔde haw nyinaa haa Misraim ɛserɛ so no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan