Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 8:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ: Wo ara kyerɛ me da ko a ɛnkɔsie na mempa kyɛw memma wo ne wo nkoa ne wo man, na wɔnyi mponkyerɛne no mfiri wo ne wo fie so, na wɔnka asuo no nko ara mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ: Wo ara kyerɛ me da ko a ɛnkɔsie na mempa kyɛw memma wo ne wo nkoa ne wo man, na wɔnyi mponkyerɛne no mfiri wo ne wo fie so, na wɔnka asuo no nko ara mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mose nso ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛ me bere ko a wopɛ sɛ wɔkɔ. Me nso mɛbɔ ho mpae ama mpɔtorɔ no nyinaa awuwu wɔ baabiara wɔ bere a wobɛhyɛ me no mu, na aka asubɔnten no mu mpɔtorɔ no nko ara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mose nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛ me ɛberɛ ko a wopɛ sɛ wɔkɔ. Me nso mɛbɔ ho mpaeɛ ama mpɔtorɔ no nyinaa awuwu wɔ baabiara wɔ ɛberɛ a wobɛhyɛ me no mu, na aka asubɔnten no mu mpɔtorɔ no nko ara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ: Wo ara kyerɛ me da ko a enkosi na mempa kyɛw memma wo ne wo nkoa ne wo man, na wonyi mpɔtorɔ no mfi wo ne wo fi so, na wɔnka asu no nko mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 8:9
8 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifoɔ no sɛ: Monyi nantwinini baako mfa, na monsiesie no kane; na mo deɛ, modɔɔso; na mommɔ mo nyame din, na ogya na mommfa nngu aseɛ.


Na nnanson a AWURADE danee asuo no bɛtwaa mu.


Na ɔbuaa sɛ: Ɔkyena. Na Mose kaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ deɛ woaka no, na woahunu sɛ obiara biara nni hɔ a ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn.


Na mponkyerɛne no bɛfiri wo ne wo fie ne wo nkoa ne wo man so; asuo no mu nko ara na wɔbɛka.


Ɛnna Farao frɛɛ Mose ne Aaron kaa sɛ: Mompa AWURADE kyɛw na ɔnyi mponkyerɛne no mfiri me ne me man so, na mɛma ɔman no akɔ akɔbɔ afɔdeɛ ama AWURADE.


Akuma hoahoa ne ho wɔ deɛ ɔde no twa adeɛ no so, anaasɛ ɛwan ma ne ho so wɔ deɛ ɔtwe no no so? Sɛ dabrɛ dua tumi him deɛ ɔma soɔ no, anaasɛ poma tumi ma deɛ ɔnyɛ dua no so!


Na AWURADE kaa sɛ: Mede akyɛ wɔn sɛdeɛ w’asɛm seɛ no,


Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɛdɔm a wɔka wo ho no dɔɔso sene deɛ mede Midian bɛhyɛ wɔn nsa, na Israel ankyerɛ wɔn ho me so anka sɛ: Me ara me nsa na agye me.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan