Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 8:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ne Aaron kaa sɛ: Mompa AWURADE kyɛw na ɔnyi mponkyerɛne no mfiri me ne me man so, na mɛma ɔman no akɔ akɔbɔ afɔdeɛ ama AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ne Aaron kaa sɛ: Mompa AWURADE kyɛw na ɔnyi mponkyerɛne no mfiri me ne me man so, na mɛma ɔman no akɔ akɔbɔ afɔdeɛ ama AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Afei, Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔsrɛ Awurade na onyi mpɔtorɔ no mfi asase yi so, na mɛma mo nkurɔfo no kwan na wɔakɔbɔ no afɔre.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Afei, Farao ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monkɔsrɛ Awurade na ɔnyi mpɔtorɔ no mfiri asase yi so, na mɛma mo nkurɔfoɔ no ɛkwan na wɔakɔbɔ no afɔdeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ne Aaron kae sɛ: Mompa AWURADE kyɛw na onyi mpɔtorɔ no mfi me ne me man so, na mɛma ɔman no akɔ akɔbɔ afɔre ama AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 8:8
24 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔhene srɛɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: Afei pa AWURADE wo Nyankopɔn kyɛw na srɛ ma me, na me nsa nsane mmra me ho. Na Nyankopɔn nipa no paa AWURADE kyɛw, na ɔhene nsa no sane baa ne ho, na ɛyɛɛ sɛ kane no.


Monse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛseɛ nti w’atamfo bɛkoto wo.


Ɛnna Farao yɛɛ ntɛm soma maa wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron kaa sɛ: Mayɛ AWURADE mo Nyankopɔn ne mo bɔne.


Na afei, fa me bɔne kyɛ me prɛko yi nko ara, na mompa AWURADE mo Nyankopɔn kyɛw, na ɔnyi owuo yi nko mfiri me so.


Na ɔfirii Farao nkyɛn kɔ kɔpaa AWURADE kyɛw.


Na wɔka kyerɛɛ Misraimhene sɛ ɔman no adwane kɔ. Na Farao ne ne nkoa akoma sakyerae wɔ ɔman no ho, na wɔse: Ɛdeɛn na yɛayɛ yi, sɛ yɛama Israel agyae yɛn som korɔ yi?


Na Mose paa AWURADE ne Nyankopɔn kyɛw sɛ: AWURADE, adɛn nti na wo bo huru tia ɔman a wode ahoɔden kɛseɛ ne nsa a ɛyɛ den kɔyii wɔn Misraim asase so baeɛ no?


Na Farao se: Hwan ne AWURADE a mɛtie ne nne na mama Israel akorɔ? Mennim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.


Na Farao hunuu sɛ wanya ahotɔ no, ɔpirim n’akoma, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Na Mose kaa sɛ: Hwɛ, merebɛfiri wo nkyɛn makɔ makɔpa AWURADE kyɛw na nwansena no afiri Farao ne ne nkoa ne ne man so ɔkyena; na nkontompo nko ara na Farao nntwa bio sɛ ɔremma ɔman no nkɔ nkɔbɔ afɔdeɛ mma AWURADE.


Na Farao pirim n’akoma saa berɛ yi nso, na wamma ɔman no ankɔ.


Na Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ: Wo ara kyerɛ me da ko a ɛnkɔsie na mempa kyɛw memma wo ne wo nkoa ne wo man, na wɔnyi mponkyerɛne no mfiri wo ne wo fie so, na wɔnka asuo no nko ara mu.


Ɛnna Farao soma maa wɔbɛfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei deɛ, mayɛ bɔne, AWURADE ne ɔteneneeni, na me ne me man ne abɔnefoɔ.


Mompa AWURADE kyɛw, na Nyankopɔn aprannaa ne ɔsoro aboɔ no nnyae, na adɔɔso, na mɛma moakɔ na morentena ha bio.


Na Mose firii Farao nkyɛn, na ɔfirii kuro no mu kɔtrɛɛ ne nsam kyerɛɛ AWURADE, na aprannaa ne ɔsoro aboɔ no to twae, na osuo no gyaee asase no so guo.


Ɛnna ɔman no baa Mose nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛkasa tiaa AWURADE ne woɔ; pa AWURADE kyɛw na ɔmmɛyi awɔ no mfiri yɛn so. Na Mose paa kyɛw maa ɔman no.


Na Simon buaa sɛ: Monsrɛ Awurade mma me, na deɛ moaka yi mu biara amma me so.


Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma wo nkoa, na yɛanwu, ɛfiri sɛ yɛde bɔne yi aka yɛn bɔne nyinaa ho, sɛ yɛabisa ɔhene afa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan