Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 8:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na wo ne wo manfoɔ ne wo nkoa nyinaa so na mponkyerɛne no bɛforo aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na wo ne wo manfoɔ ne wo nkoa nyinaa so na mponkyerɛne no bɛforo aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mpɔtorɔ no bɛba mo nkurɔfo ne mpanyimfo nyinaa so.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mpɔtorɔ bɛhyɛ efie biara a ɛwɔ Misraim no mu ma. Wɔbɛhyɛ mo fononoo ne deɛ mode fɔtɔ asikyiresiam gu mu nyinaa ma ma. Na mpɔtorɔ no bɛbu afa mo so.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na wo ne wo manfo ne wo nkoa nyinaa so na mpɔtorɔ no bɛforo aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 8:4
13 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔhene srɛɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: Afei pa AWURADE wo Nyankopɔn kyɛw na srɛ ma me, na me nsa nsane mmra me ho. Na Nyankopɔn nipa no paa AWURADE kyɛw, na ɔhene nsa no sane baa ne ho, na ɛyɛɛ sɛ kane no.


Ɔde animtiabuo gu mmapɔmma so, na ɔma wɔkyini asase fo a ɔkwan nni hɔ so.


Na afei, fa me bɔne kyɛ me prɛko yi nko ara, na mompa AWURADE mo Nyankopɔn kyɛw, na ɔnyi owuo yi nko mfiri me so.


Na AWURADE yɛɛ saa. Na nwansena a wɔdɔɔso pii baa Farao fie ne ne nkoa afie ne Misraim asase nyinaa so. Na nwansena no nti asase no so sɛee.


Na asuo no bɛdɔre mponkyerɛne pii, na wɔafoforo aba wo fie ne wo dabekyire, wo mpa so, wo nkoa afie, wo nkurɔfoɔ mu, w’afononoo mu ne wo mmɔre nkodoɔ mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma no, na tene wo nsa wɔ nsubɔntene, asuasu, ne ntareɛ so, na ma mponkyerɛne mmra Misraim asase nyinaa so.


Mompa AWURADE kyɛw, na Nyankopɔn aprannaa ne ɔsoro aboɔ no nnyae, na adɔɔso, na mɛma moakɔ na morentena ha bio.


Soan mmapɔmma yɛ nkwasea ara nko, Farao afotufoɔ mu anyansafoɔ afotuo adane nkwaseasɛm. Adɛn na mose Farao sɛ: Anyansafoɔ ba ne me, tete ahemfo no ba?


Na AWURADE bɛbobɔ Misraim, ɔbɛbobɔ wɔn, na wasa wɔn yadeɛ; na wɔbɛsane aba AWURADE nkyɛn, na watie wɔn asa wɔn yadeɛ.


Asafo AWURADE abɔ ne tirim, sɛ ɔbɛgu ahantan nyinaa animuonyam ho fi, na wahura asase so animuonyamfoɔ nyinaa ho.


Afei me, Nebukadnessar, mekamfo ɔsoro hene mema no so meyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛɛ nyinaa yɛ nokorɛ, na n’akwan yɛ atɛntenenee, na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no, ɔtumi brɛ wɔn ase.


Ɛnna ɔman no baa Mose nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛkasa tiaa AWURADE ne woɔ; pa AWURADE kyɛw na ɔmmɛyi awɔ no mfiri yɛn so. Na Mose paa kyɛw maa ɔman no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan