Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 7:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ monyɛ anwanwadeɛ bi a, ɛnneɛ ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma no to fam wɔ Farao anim, na ɛbɛdane ɔwɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ monyɛ anwanwadeɛ bi a, ɛnneɛ ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma no to fam wɔ Farao anim, na ɛbɛdane ɔwɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Farao bɛhwehwɛ sɛ mobɛyɛ anwonwade akyerɛ no ama wahu sɛ, nokware, Onyankopɔn na wasoma mo. Sɛ obisa saa a, Aaron ntow ne pema no nkyene fam na ɛbɛdan ɔwɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Farao bɛhwehwɛ sɛ mobɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ no ama wahunu sɛ, nokorɛ, Onyankopɔn na wasoma mo. Sɛ ɔbisa saa a, Aaron nto ne poma no ntwene fam na ɛbɛdane ɔwɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ monyɛ anwonwade bi a, ɛno de ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma to fam wɔ Farao anim, na ɛbɛdan ɔtweaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 7:9
15 Iomraidhean Croise  

Na Mose tenee ne poma no wɔ Misraim asase so, na AWURADE maa apueeɛ mframa bɔ faa asase no so da no nyinaa ne anadwo no nyinaa. Na adeɛ kyeeɛ no, apueeɛ mframa no de ntutummɛ no bae.


Na poma yi a wode bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ no, fa kura.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ɛwɔ wo nsam yi?


Na Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfunumu so, na ɔsane baa Misraim asase so. Na Mose faa Nyankopɔn poma no kurae.


Na ɔse: Poma. Na ɔse: To twene fam! Na ɔto twenee fam, na ɛdanee ɔwɔ. Na Mose dwane firii ho.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:


Na Mose tenee ne poma no kɔɔ ahunum, na AWURADE maa aprannaa ne ɔsoro aboɔ bae, na ogya pore guu asase so, na AWURADE maa ɔsoro aboɔ tɔɔ Misraim asase so.


Bisa AWURADE wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, ma no nsiane nkɔ sɛ Asamando, anaa ɛnkorɔn sɛ ɔsoro!


kasa na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Misraimhene Farao, asuboa kɛseɛ a ɔda n’asubɔnten mu a ɔka sɛ: M’Asubɔnten Nil wɔ me, me ara na meyɛ mefaeɛ.


Na ɔbua see wɔn sɛ: Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, nanso wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara gye Odiyifoɔ Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.


na sɛ meyɛ, na me deɛ, monnye me nni a, monnye nnwuma no nni, na moahwɛ ahunu sɛ, Agya no wɔ me mu, na me nso mewɔ ne mu.


Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ yeinom?


Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛnneɛ nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na woreyɛ, na yɛahunu na yɛagye wo adie? Ɛdeɛn na woreyɛ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan