Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 7:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Nanso Farao rentie mo; na mede me nsa bɛto Misraim so, na mayi m’asafo, me man Israelfoɔ no, afiri Misraim asase so wɔ atemmuo akɛseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Nanso Farao rentie mo; na mede me nsa bɛto Misraim so, na mayi m’asafo, me man Israelfoɔ no, afiri Misraim asase so wɔ atemmuo akɛseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 nanso ɔrentie mo. Na mɛfa atemmu a mu yɛ den so de me nsa ato Misraim so na mayi me nkurɔfo Israelfo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Anwanwadeɛ ahodoɔ no akyiri, ɔbɛkɔ so ayɛ akomaden ara, enti mɛtɔre wɔn ase na madi me manfoɔ anim, ayi wɔn afiri asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Nanso Farao rentie mo; na mede me nsa mɛto Misraim so, na mayi m'asafo, me man Israelfo no, mafi Misraim asase so wɔ atemmu akɛse mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 7:4
28 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn, na mapirim ɔne ne nkoa akoma, na mayi me nsɛnkyerɛnneɛ yi adi wɔ wɔn mu,


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao rentie mo, na ama m’anwanwadeɛ adɔɔso wɔ Misraim asase so.


Na da no ara AWURADE yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so, sɛdeɛ wɔn asafo teɛ.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mofirii Misraim firii nkoa fie mu no, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii mo firii hɔ, na monnni mmɔreka paanoo.


Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, na AWURADE mmara no atena w’anomu, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii wo firii Misraim.


Na Mose kaa nnoɔma a Israel nti AWURADE ayɛ Farao ne Misraim nyinaa, ne amaneɛ a ɛtoo wɔn kwan no soɔ nyinaa, ne sɛdeɛ AWURADE yii wɔn no kyerɛɛ n’ase.


Na me deɛ, menim sɛ wɔde nsa a ɛyɛ den hyɛ Misraimhene mpo a, ɔremma mo kwan mma mo nkɔ;


enti mɛtene me nsa de m’anwanwadeɛ a mɛyɛ wɔ hɔ no nyinaa mabɔ Misraim, na ɛno akyiri na ɔbɛma moakɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Afei ansa na worebɛhunu deɛ mɛyɛ Farao, ɛfiri sɛ mede nsa a ɛyɛ den bɛma wama wɔakɔ, na mede nsa a ɛyɛ den bɛma wapamo wɔn afiri n’asase so mpo.


Yeinom ne Aaron ne Mose a AWURADE ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyi Israelfoɔ mfiri Misraim asase so sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ no.


Ɛno nti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Mene AWURADE, na mɛgye mo afiri Misraim nkoasom mu, na mayi mo afiri wɔn nyadie no mu, na mede basa a atene ne atemmuo akɛseɛ magye mo.


Na Farao akoma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Ka kyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn, na wasoma me wo nkyɛn sɛ: Ma me man nkɔ nkɔsom me ɛserɛ so, na hwɛ, wontiee de abɛduru sɛsɛɛ.


Na Farao hunuu sɛ wanya ahotɔ no, ɔpirim n’akoma, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Ɛnna akɔmfoɔ no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Nyankopɔn nsateaa nie. Na Farao akoma pirimii ara na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Na AWURADE pirim Farao akoma, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no.


hwɛ, AWURADE nsa bɛda wo mmoa a wɔwɔ wiram so, na ɔde owuo a ano yɛ den kɛse bɛba apɔnkɔ, mfunumu, yoma, anantwie ne nnwan so.


Wɔasiesie atemmuo ama afɛdifoɔ ne mmaabɔ ama nkwaseafoɔ akyi.


Me kra ani gyina wo anadwo, aane, me mu honhom nso, mede mefe wo, na sɛ w’atemmuo ka asase a, wiasefoɔ sua tenenee.


me nko me so na ɔdane ba, ɔdane ne nsa ba me so daa nyinaa.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Na nkantom sɛ mɛma m’atemmudeɛ bɔne nnan, nkrantɛ ne ɛkɔm ne mmoa bɔne ne owuyadeɛ, aba Yerusalem so de atwa nnipa ne mmoa afiri so!


na mɛyɛ Moab mu atemmudeɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Na mɛyɛ Patros pasaa, na masɔ ogya Soan, na mayɛ atemmudeɛ wɔ Tebes,


Sei na mɛyɛ atemmudeɛ wɔ Misraim, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ na ɔrenhyɛ wo din animuonyam? Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi.


Na metee sɛ ɛnne bi firi afɔrebukyia no mu a ɛse: Aane, Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, w’atemmuo yɛ nokorɛ ne tenenee.


ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene, sɛ ɔbuu odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asase no atɛn, na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so werɛ wɔ ne nsamu.


Baabiara a wɔfiri korɔ no, na AWURADE nsa ne wɔn di no bɔne, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ ne sɛdeɛ AWURADE kaa wɔn ntam no; na wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan