Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 7:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na me deɛ, mɛpirim Farao akoma, na mama me nsɛnkyerɛnneɛ ne m’anwanwadeɛ adɔɔso Misraim asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na me deɛ, mɛpirim Farao akoma, na mama me nsɛnkyerɛnneɛ ne m’anwanwadeɛ adɔɔso Misraim asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na mepirim Farao koma, na mayɛ anwonwade ahorow bebree wɔ Misraim

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na nna no mu, mɛma Farao ayɛ akomaden, na mayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree wɔ Misraim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na me de, mepirim Farao koma, na mama me nsɛnkyerɛnne ne m'anwonwade adɔɔso Misraim asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 7:3
25 Iomraidhean Croise  

Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofoɔ nyinaa so, na wohunuu sɛ wɔadi yɛn agyanom so ahantansɛm; na wogyee din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Ɔsomaa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ baa wo, Misraim, mfimfini, Farao ne ne nkoa nyinaa so.


Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔn agyanom anim, Misraim asase so, Soan petee mu.


Na Mose ne Aaron yɛɛ anwanwadeɛ yi nyinaa wɔ Farao anim, na AWURADE pirim Farao akoma, na wamma Israelfoɔ no amfiri n’asase so ankɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao rentie mo, na ama m’anwanwadeɛ adɔɔso wɔ Misraim asase so.


Na mɛpirim Farao akoma ama no ati wɔn, na mɛhyɛ m’anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfoɔ ahunu sɛ mene AWURADE. Na Israelfoɔ yɛɛ saa.


enti mɛtene me nsa de m’anwanwadeɛ a mɛyɛ wɔ hɔ no nyinaa mabɔ Misraim, na ɛno akyiri na ɔbɛma moakɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ wosane kɔ Misraim a, hwɛ na yɛ anwanwadeɛ a mede mahyɛ wo nsa no nyinaa Farao anim; na me deɛ, mɛpirim n’akoma, na ɔremma ɔman no nkɔ.


Na Mose ne Aaron kɔ kɔboaboaa Israelfoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ano.


Na ɔse: Fa wo nsa sane hyɛ wo kokom! Na ɔsane de ne nsa hyɛɛ ne kokom, na ɔyi firii ne kokom no, na adane sɛ ne honam ara.


Na Farao akoma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Nanso yei nti na mema wogyina hɔ, sɛ mɛyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.


Ɔhene akoma te sɛ asutene AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdane korɔ.


AWURADE basa, nyane ɛ, nyane ɛ! Hyɛ ahoɔden! Nyane sɛ akane nna no mu, teteete awoɔ ntoatoasoɔ mu. Ɛnyɛ wone deɛ ɔtwitwaa Rahab na ɔhwiree asuboa kɛseɛ no mu no?


Mɛma wɔahunu anwanwadeɛ sɛ nna a wɔfirii Misraim asase so baeɛ no.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhunu nsɛnkyerɛnneɛ ne nkonyaa a, morennye nni.


Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no,


Ɔno ara na ɔde wɔn firii adi yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ Misraim asase so, ne Mmɛwa Po mu ne ɛserɛ so mfirinhyia aduanan.


nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie firi Yerusalem ne nkuro a atwa ho ahyia so akɔduru Iliriko.


Ɛnneɛ na deɛ ɔpɛ na ɔhu no mmɔborɔ, na deɛ ɔpɛ na ɔma n’akoma yɛ den.


Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ pɛn sɛ ɔbɛkɔ akɔyi ɔman bi afiri ɔman bi mu afa wɔ sɔhwɛ ahodoɔ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne akodie ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene ne ahodwirideɛ akɛseɛ mu, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?


sɔhwɛ akɛseɛ a w’ani hunuiɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu a AWURADE wo Nyankopɔn de yii woɔ no; saa na AWURADE wo Nyankopɔn bɛyɛ aman a wosuro wɔn no nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan