Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 7:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no; na Aaron de ne poma no too fam wɔ Farao ne ne nkoa anim, na ɛdanee ɔwɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no; na Aaron de ne poma no too fam wɔ Farao ne ne nkoa anim, na ɛdanee ɔwɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Enti Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ anwonwade no sɛnea Awurade akyerɛ wɔn no. Aaron tow ne pema no kyenee fam wɔ Farao ne ne nkurɔfo anim ma ɛdan ɔwɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Enti, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ anwanwadeɛ no sɛdeɛ Awurade akyerɛ wɔn no. Aaron too ne poma no twenee fam wɔ Farao ne ne nkurɔfoɔ anim ma ɛdanee ɔwɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ wɔn no; na Aaron de ne poma no too fam wɔ Farao ne ne nkoa anim, na ɛdan ɔtweaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 7:10
10 Iomraidhean Croise  

Ɔsomaa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ baa wo, Misraim, mfimfini, Farao ne ne nkoa nyinaa so.


Na ɔman no nyinaa bobɔɔ wɔn mu ase sɔree. Na Israelfoɔ sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no.


Na ɔse: Poma. Na ɔse: To twene fam! Na ɔto twenee fam, na ɛdanee ɔwɔ. Na Mose dwane firii ho.


Kɔ Farao nkyɛn anɔpa; berɛ a ɔrefiri adi akɔ Asuo Nil ano; na kɔgyina asubɔnten no ano hyia no, na fa wo poma a ɛdanee ɔwɔ no kura.


Na Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no; na Aaron maa poma no so, na ɔde bɔɔ nsuo a ɛwɔ asubɔntene no mu wɔ Farao ne ne nkoa anim; na nsuo a ɛwɔ asuo no mu nyinaa danee mogya.


Na Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no, saa ara na wɔyɛeɛ.


Sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ monyɛ anwanwadeɛ bi a, ɛnneɛ ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma no to fam wɔ Farao anim, na ɛbɛdane ɔwɔ.


Na sɛ wɔde wɔn ho kɔsie Karmel atifi a, mɛtwee wɔn makɔfa wɔn afiri hɔ. Na sɛ wɔfiri m’anim kɔhunta ɛpo ase a, ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ na wakeka wɔn;


wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom adubɔne biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde nsa bɛgu ayarefoɔ so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.


Hwɛ, mema mo tumi sɛ montiatia awɔ ne anyanyankyerɛ ne ɔtamfoɔ no ahoɔden nyinaa so; na biribiara rentumi nyɛ mo hwee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan