Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 6:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Mose kaa saa kyerɛɛ Israelfoɔ no; nanso ahometeɛ ne nkoasom denden no nti wɔantie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Mose kaa saa kyerɛɛ Israelfoɔ no; nanso ahometeɛ ne nkoasom denden no nti wɔantie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Enti Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, esiane abawpa a efi ɔhyɛ ntraso nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Enti, Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, ɛsiane abasamutuo a ɛfiri ɔhyɛ ntrasoɔ enti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Mose kaa saa kyerɛɛ Israelfo no; nanso ahometew ne nkoasom dennen no nti wɔantie Mose.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 6:9
9 Iomraidhean Croise  

Me deɛ, onipa na medi abooboo mekyerɛ no anaa? Na adɛn nti na me home rente me?


Wɔmaa wɔn asetena fonoo wɔn wɔ dɔteɛ ne ntaayaa ho adwuma a ɛyɛ den ne afuom adwumayɛ ahodoɔ ne nnwuma ahodoɔ nyinaa mu nyadie yaya a wɔde dii wɔn mu.


Ɛnyɛ asɛm a yɛkaa wo wɔ Misraim sɛ: Gyae ma yɛnsom Misraim, no nie? Ɛfiri sɛ ɛyɛ ma yɛn mmom sɛ anka yɛsom Misraim sene sɛ yɛbɛwuwu ɛserɛ so.


Na nna dodoɔ yi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene wui. Na nkoasom no nti Israelfoɔ no sii apini, na wɔsu frɛe, na wɔn sufrɛ no kɔduruu Nyankopɔn anim.


na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhwɛ mo mmu atɛn, sɛ moama yɛn ho abɔn wɔ Farao ne ne nkoa anim, na mode nkrantɛ ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nku yɛn.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:


Abɔnefoɔ bɛbrɛ wɔn ho ase apapafoɔ anim, na abɔnefoɔ akoto ateneneefoɔ mmoboano.


Onipa honhom tumi soa yadeɛ, na honhom a ɛdi yea deɛ, hwan na ɔbɛtumi asoa?


Na wɔtu firii Hor bepɔ ho faa Mmɛwa Po kwan so sɛ wɔretwa Edom asase ho kɔntɔnkrɔn akɔ. Na ɔman no ahome tee wɔn ho pii ɔkwan no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan