Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 6:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Nanso mama m’apam a me ne wɔn pameeɛ no agyina, sɛ mede Kanaan asase a ɛyɛ wɔn ahɔhobea asase a wɔyɛɛ so ahɔhoɔ no bɛma wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Nanso mama m’apam a me ne wɔn pameeɛ no agyina, sɛ mede Kanaan asase a ɛyɛ wɔn ahɔhobea asase a wɔyɛɛ so ahɔhoɔ no bɛma wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔho no bɛma wɔn ne wɔn asefo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔhoɔ no bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Nanso mama m'apam a me ne wɔn pamee no agyina, sɛ mede Kanaan asase a ɛyɛ wɔn ahɔhobea asase a wɔyɛɛ so ahɔho no mɛma wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 6:4
21 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kaa sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn. Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE a ɔyii ne ho kyerɛɛ no no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hunu ampa ara sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so, na wɔayɛ nkoa na wɔasom, na wɔbɛha wɔn mfirinhyia ahanan.


Da no ara na AWURADE ne Abram yɛɛ apam sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi mama wɔn ɛfiri Misraim asubɔnten ho de kɔsi asubɔnten kɛseɛ, Eufrate asubɔnten ho:


Twa deɛ wɔawo no wɔ wo fie ne deɛ wɔde wo sika tɔɔ no twetia, na m’apam atena mo honam mu sɛ daa apam.


Me deɛ, hwɛ, m’apam da hɔ ma wo, na mɛyɛ wo aman pii agya.


Meyɛ mo nkyɛn hɔhoɔ ne mamfrani, momma me amusiebea wɔ mo nkyɛn, na mensie m’amu yi ma no mfiri m’ani so.


Tena asase yi so sɛ ɔhɔhoɔ, na mɛdi w’akyi na mahyira wo, ɛfiri sɛ wo ne w’asefoɔ na mede nsase yi nyinaa bɛma mo, na mɛma ntam a mekaa w’agya Abraham no agyina.


Na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ, na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa,


Na hwɛ, AWURADE gyina atifi, na ɔse: Mene AWURADE, w’agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn; asase a woda soɔ yi mede bɛma wo ne w’asefoɔ.


na ɔmfa Abraham nhyira nhyira wo, wo ne w’asefoɔ a wɔka wo ho, na woanya asase a woyɛ so hɔhoɔ a Onyankopɔn de ama Abraham yi.


Na me ne wo bɛyɛ apam ato hɔ, na woakɔ adaka no mu, wo ne wo mma, ne wo yere, ne wo mma yerenom.


Aane, ɛnyɛ saa na me fie teɛ wɔ Nyankopɔn nkyɛn? Na ɔne me apam daa apam, wasiesie nnoɔma nyinaa mu na wɔhwɛ so. Na me mmoa nyinaa ne deɛ mepɛ nyinaa, ɔremma no mfefɛ anaa?


sɛ: Wo na mede Kanaan asase bɛma wo sɛ mo apɛgyadeɛ a wɔkyɛ no homa soɔ.


Ɛberɛ a nnipa no ano nnɔɔso, wɔyɛ kakraa bi ne ahɔhoɔ wɔ hɔ


Ɛnnɛ da yi, bosome Abib mu na morefiri Misraim.


Na sɛ AWURADE nya de wo duru Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase a ɔkaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so a, ɛno deɛ, fa ɛsom yi som no bosome yi mu.


Na mede mo bɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma Abraham, Isak, Yakob no so, na mede bɛma mo sɛ agyapadeɛ. Mene AWURADE.


Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, montie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam, Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no.


Na Mose ka kyerɛɛ n’ase Reuel a ɔyɛ Midianni ba Hobab no sɛ: Yɛretu akɔ deɛ AWURADE kaa ho asɛm sɛ: Ɛha na mede bɛma mo no; bra ma yɛnkɔ, na yɛbɛyɛ wo yie, ɛfiri sɛ AWURADE aka Israel ho asɛmpa.


Na wamma no agyapadeɛ wɔ mu, wamma no anammɔn baako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefoɔ a wɔdi n’akyire sɛ wɔmfa nyɛ wɔn deɛ, nanso na ɔnnya nnyaa ɔba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan