Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 6:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 a meyii me ho mekyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn Tweaduampɔn, na me din YHWH (AWURADE) no deɛ, mamma wɔamfa anhu me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 a meyii me ho mekyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn Tweaduampɔn, na me din YHWH (AWURADE) no deɛ, mamma wɔamfa anhu me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Miyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfo. Nanso mammɔ me din sɛ Awurade no ankyerɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Meyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfoɔ. Nanso, mammɔ me din sɛ Awurade no ankyerɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 na miyii me ho mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn Tweaduampɔn, na me din YHWH (AWURADE) no de, mamma wɔamfa anhu me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 6:3
23 Iomraidhean Croise  

Na Abram tutuu ne ntomadan, na ɔbɛtenaa Mamre pɔ a ɛwɔ Hebron no ho, na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ.


Na Abram dii mfirinhyia aduɔkron nkron no, AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no kaa sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, nante m’anim, na yɛ pɛ.


Na Abraham too bea hɔ din sɛ: Yahwe-yir’e. Enti wɔka no nnɛ ara sɛ: AWURADE bepɔ so na wɔbɛhwɛ.


Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wo nnɔ, na ɔmma wo nyɛ bebree, na woayɛ aman asafo;


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, dɔre na yɛ bebree; ɔman ne aman asafo bɛfiri wo mu aba, na ahemfo firi w’asene mu bɛba.


Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase soɔ, na ɔhyiraa me


Monto Nyankopɔn dwom, monto dwom mma ne din, montoto kwan yie mma deɛ ɔte adeɛ so nam ɛserɛ so reba, ne din de AWURADE, na monni n’anim ahurisie.


na wɔnhunu sɛ wo a wo din de AWURADE no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.


AWURADE yɛ dɔmmarima, AWURADE ne ne din.


Hwɛ yie wɔ n’anim, na tie ne nne; nnwene ntia no, na ɔremfa mo mmarato nkyɛ mo, ɛfiri sɛ me din wɔ ne mu.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ME ARA NE ME ARA. Na ɔse: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: ME ARA na asoma me mo nkyɛn.


Mene AWURADE, me din ne no, na meremfa m’animuonyam mma obi, na m’ayeyie nso, meremfa mma ahoni.


Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie: Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ, na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko.


Ɛno nti, hwɛ, mɛma wɔahunu prɛko, mɛma wɔahunu m’ahoɔden ne me tumi, na wɔahunu sɛ, me din ne AWURADE.


Sei na AWURADE a ɔyɛ adeɛ yi, AWURADE a ɔsiesie ma no si hɔ no, a AWURADE ne ne din no seɛ:


Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛda a mefaa Israel na memaa me nsa so kyerɛɛ Yakob fie asefoɔ, na memaa wɔhunuu me Misraim asase soɔ na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn kaa sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, no.


na moahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mebuebue mo adamena ano, me man, na mema mo firi adamena no mu ba a.


Na mede ntini bɛsosɔ mo mu, na mede nam agu mo so, na mede wedeɛ akata mo ho, na mede ahome ahyɛ mo mu, na moanya nkwa, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Abraham nnya mmaeɛ no, na mewɔ hɔ.


Yohane de kɔma asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoeɛ mfiri deɛ ɔwɔ hɔ seesei, deɛ na ɔwɔ hɔ dada, deɛ ɔreba no ne ahonhom nson a ɛwɔ n’ahennwa anim,


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfrɛ me Naomi, na momfrɛ me Mara, ɛfiri sɛ Tweaduampɔn ne me adi no nwononwono so sɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan