Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 5:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na da no ara Farao hyɛɛ ɔman no adwumayɛ so ahwɛfoɔ ne wɔn aboafoɔ no sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na da no ara Farao hyɛɛ ɔman no adwumayɛ so ahwɛfoɔ ne wɔn aboafoɔ no sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Da no ara, Farao somaa nnipa ma wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfo no so no se,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛda no ara, Farao somaa nnipa maa wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfoɔ no so no sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na da no ara Farao hyɛɛ ɔman no adwumayɛ so ahwɛfo ne wɔn aboafo sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 5:6
14 Iomraidhean Croise  

Na Usia wɔ dɔm a wɔdi ako a wɔtu sa asafo soɔ, sɛdeɛ wɔn nkaneeɛ a wɔnam Ɔtwerɛfoɔ Yeiel ne Ɔpanin Maaseia so kan wɔn no ano teɛ, wɔn nso na wɔhyɛ Hanania a ɔfiri ɔhene asafohene no mu no aseɛ.


Na wɔsisii wɔn so adwumayɛfoɔ so mpanimfoɔ sɛ wɔmfa nnesoadeɛ a emu yɛ duro nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkuro Pitom ne Raamses maa Farao.


Na AWURADE kaa sɛ: Ampa ara, mahunu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na wɔn su a wɔn so ahwɛfoɔ nti wɔsu frɛ no, mate.


Na ɔman no adwumayɛ so ahwɛfoɔ ne wɔn aboafoɔ no firii adi bɛka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ Farao seɛ nie: Meremma mo ɛserɛ bio.


Na wɔkaa sɛ: Monnyi mo da koro adwuma mu ntaayaa no so ara da, na Israelfoɔ adwumayɛ so ahwɛfoɔ no hunuu sɛ amaneɛ na ato wɔn.


Mommma ɔman no ɛserɛ a wɔde bɛyɛ ntaayaa no bio sɛ akane no; wɔn ara wɔnkɔboaboa ɛserɛ ano mfa.


Ɔteneneeni bu n’afieboa kra, na abɔnefoɔ ayamyɛ yɛ atirimuɔden.


Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Boaboa Israel mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano ma me, nnipa a wonim wɔn sɛ wɔyɛ ɔman no mpanimfoɔ ne wɔn atwerɛfoɔ, na fa wɔn bra ahyiaeɛ ntomadan no ho, na wɔne wo mmɛgyina hɔ.


Ɛnna mede mo mmusuakuo mu atitire, mmarima anyansafoɔ a wɔdɛnso sisii mo so atitire, apem apem so mpanin ne ɔha ɔha so mpanin ne aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin ne mo mmusuakuo so ahwɛfoɔ.


Sisi wo so atemmufoɔ ne mpanimfoɔ, wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛdeɛ wo mmusuakuo teɛ no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no.


Na Yosua boaboaa Israel mmusuakuo no nyinaa ano baa Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na wɔbɛgyinaa Nyankopɔn anim.


Na Isak nso, memaa no Yakob ne Esau; na mede Seir bepɔ memaa Esau sɛ ɔnni so; na Yakob ne ne mma siane kɔɔ Misraim.


Na Israel nyinaa ne wɔn mpanimfoɔ ne ahwɛfoɔ ne wɔn atemmufoɔ gyinaa adaka no ho ha ne ha, asɔfoɔ Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no anim, ɔhɔhoɔ ne ɔman ba nyinaa. Wɔn mu fa wɔ Gerisim bepɔ ntentensoɔ, na ɔfa nso wɔ Ebal bepɔ ntentensoɔ, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛɛ sɛ wɔnhyira ɔman Israel kane no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan