Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 5:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Farao se: Hwan ne AWURADE a mɛtie ne nne na mama Israel akorɔ? Mennim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Farao se: Hwan ne AWURADE a mɛtie ne nne na mama Israel akorɔ? Mennim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Farao bisae se, “Hena ne Awurade a ɛsɛ sɛ mitie no na mema Israelfo no kɔ? Minnim Awurade biara enti meremma Israelfo no nkɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Farao bisaa sɛ, “Ampa? Na hwan ne Awurade a ɛsɛ sɛ metie no na mema Israelfoɔ no kɔ? Mennim Awurade biara enti meremma Israelfoɔ no nkɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Farao se: Hena ne AWURADE a metie ne nne na mama Israel akɔ? Minnim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 5:2
25 Iomraidhean Croise  

Nsase no so anyame nyinaa mu hwannom na wɔagye wɔn nsase afiri me nsam, na AWURADE bɛgye Yerusalem afiri me nsam anaa?


Amanaman yi a m’agyanom asɛe wɔn pasapasa no anyame nyinaa mu hwan na watumi agye ne man me nsam, na mo nyame na ɔbɛtumi agye mo me nsam?


Na afei mommma Hesekia nnsisi mo na ɔnnnaadaa mo saa, na monnnye no nnni, ɛfiri sɛ ɔman anaa ahennie biara nyame biara ntumi nnyee ne man me nsam anaa m’agyanom nsam, na nkantom mo nyame no; na ɔrennye mo me nsam.


Na wɔkasa tiaa Yerusalem Nyankopɔn no sɛ asase so amanaman anyame a wɔyɛ onipa nsa ano adwuma no.


Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofoɔ nyinaa so, na wohunuu sɛ wɔadi yɛn agyanom so ahantansɛm; na wogyee din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Ɛfiri sɛ watene ne nsa atia Onyankopɔn, na wate Otumfoɔ so atua.


Ɔde kɔn a asene ato aba ne so, ne n’akyɛm akyi apɔapɔ a emu yɛ duro no;


Ɛdeɛn ne Otumfoɔ no a yɛnsom no, na sɛ yɛbɔ no mpaeɛ a, mfasoɔ bɛn na yɛbɛnya?


Ɔbɔnefoɔ dwa n’anomu ka sɛ: Hwee mfa ne ho. Onyankopɔn bi nni baabi! n’adwene nyinaa ne no.


wɔn a wɔse: Yɛn tɛkyerɛma na yɛde di mmaninsɛm, yɛn ano wɔ hɔ, hwan na ɔbɛdi yɛn soɔ?


Mmɔborɔfoɔ so hyɛ ne ahiafoɔ apinisie nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE seɛ ni, mɛgye deɛ ɔgu ahome repɛ nkwagyeɛ no nkwa.


Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe wɔn nneyɛɛ ayɛ akyiwadeɛ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.


Na me deɛ, menim sɛ wɔde nsa a ɛyɛ den hyɛ Misraimhene mpo a, ɔremma mo kwan mma mo nkɔ;


Sɛ AWURADE seɛ nie: Yei na wode bɛhunu sɛ mene AWURADE: Hwɛ, mede poma a mekura yi merebɔ nsuo a ɛwɔ Nil mu, na ɛbɛdane mogya.


na mammee mampa wo manka sɛ: Hwan ne AWURADE? Nanso manni hia manwia adeɛ mamfom me Nyankopɔn din.


Na sɛ moka sɛ: Yɛrentena asase yi so, na moantie AWURADE mo Nyankopɔn nne,


Momma no mmoro, ɛfiri sɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm, na momma Moab ayantam ne feɛ mu, na ɔno nso nnane asereseredeɛ.


Afei deɛ, sɛ moasiesie mo ho sɛ berɛ a mobɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ a, ɛyɛ na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo bɛgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na onyame bɛn na ɔbɛyi mo afiri me nsam?


Na wɔbɛyɛ yeinom, ɛfiri sɛ wɔnnya nhunuu Agya no ne me.


Na sɛdeɛ wɔammu sɛ wɔbɛkura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ deɛ ɛmfata,


na watɔ wɔn a wɔnnim Onyankopɔn, na wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no so were.


Na wɔsiee awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa nso kaa wɔn agyanom ho, na awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ dii wɔn akyi sɔree, nnipa a wɔnnim AWURADE nneyɛɛ a ɔyɛ maa Israel no nso.


Na Eli mma no yɛ mma ahuhufoɔ; wɔmmu AWURADE.


Na Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: Hwan ne Dawid, na hwan ne Yisai ba? Ɛnnɛ nkoa a wɔtete wɔn ho firi wɔn wuranom ho dɔɔso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan