Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 4:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na mese wo sɛ: Ma me ba nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma no ankɔ a, hwɛ, me deɛ, mɛkum w’abakan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na mese wo sɛ: Ma me ba nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma no ankɔ a, hwɛ, me deɛ, mɛkum w’abakan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 na mehyɛɛ wo sɛ, “Ma no kwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene; nti mekum wʼabakan.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 na mahyɛ wo sɛ, “Ma no ɛkwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene enti mɛkum wʼabakan.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na mise wo sɛ: Ma me ba nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma wankɔ a, hwɛ, me de, mekum w'abakan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 4:23
22 Iomraidhean Croise  

Na ɔbobɔɔ wɔn asase so mmakan nyinaa, wɔn ahoɔden nyinaa mu mma a ɛdi kan.


Ɔkum Misraim mmakan firi nnipa so kɔsii mmoa so.


Deɛ ɔbobɔɔ Misraimfoɔ wɔn mmakan mu, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Na ɔkumm Misraim mmakan nyinaa, wɔn ahoɔden asefire, Ham ntomadan mu.


Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Wobɛma wo ho so wɔ m’anim akɔsi da bɛn? Ma me man nkɔ nkɔsom me.


Na sɛ woampene amma me man ankɔ a, hwɛ, ɔkyena mɛma ntutummɛ aba w’asase so,


na Misraim asase so mmakan nyinaa bɛwuwu, ɛfiri Farao abakan a ɔtena n’adwa soɔ so de kɔsi afenaa a ɔwɔ oyuyammoɔ akyire abakan ne mmoa mmakan nyinaa so.


Na anadwo dasuo mu no, AWURADE bobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri Farao abakan a ɔtena n’adwa soɔ so de kɔsi dommum a ɔwɔ deduadan mu abakan so ne afieboa mmakan nyinaa.


Na Farao pirim n’akoma na ɔmpene sɛ ɔbɛma yɛakorɔ no, AWURADE kumm Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa mmakan so kɔsi afieboa mmakan so. Ɛno nti na me nso mede anini a ɛbue yafunu ano no nyinaa mebɔ AWURADE afɔdeɛ, nanso me mma mu mmakan nyinaa deɛ, mesesa agye wɔn.


Na Mose kaa nnoɔma a Israel nti AWURADE ayɛ Farao ne Misraim nyinaa, ne amaneɛ a ɛtoo wɔn kwan no soɔ nyinaa, ne sɛdeɛ AWURADE yii wɔn no kyerɛɛ n’ase.


Na wɔbɛtie wo nne, na wo ne Israel mpanimfoɔ nkɔ Misraimhene nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn, abɛhyia yɛn, enti yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ ɛserɛ so nnansa kwan nkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn, afɔdeɛ.


Na yei akyi no, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Ma me man nkɔ na wɔnkɔhyɛ fa mma me wɔ ɛserɛ so.


Kɔ, kɔka kyerɛ Misraimhene Farao sɛ ɔmma Israelfoɔ mfiri n’asase so nkɔ.


Ka kyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn, na wasoma me wo nkyɛn sɛ: Ma me man nkɔ nkɔsom me ɛserɛ so, na hwɛ, wontiee de abɛduru sɛsɛɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ma me man no nkɔ nkɔsom me.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Tene wo poma no bɔ asase so mfuturo na ɛnnane edwie wɔ Misraim asase nyinaa so.


Na wɔyɛɛ saa, na Aaron tenee ne nsa de poma no bɔɔ asase so mfuturo, na ɛdanee edwie wɔ nnipa ne mmoa so. Na asase so mfuturo nyinaa danee edwie Misraim asase nyinaa so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua anɔpahema kɔgyina Farao anim; berɛ a ɔrefiri adi aba nsuo no ano; na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ma me man no nkɔ na wɔnkɔsom me.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Ma me man no nkɔ nkɔsom me.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua anɔpahema kɔgyina Farao anim, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Ma me man nkɔ nkɔsom me.


Na sɛ woampene amma wɔankɔ na wokɔ so tintim wɔn so a,


Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan