Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 4:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na Mose kaa sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Soma obi foforɔ biara a wopɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na Mose kaa sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Soma obi foforɔ biara a wopɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso Mose kae se, “Awurade wʼakoa resrɛ wo, soma onipa foforo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso Mose kaa sɛ, “Awurade mesrɛ wo, soma onipa foforɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na Mose kae sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Soma onipa foforo biara a wopɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 4:13
16 Iomraidhean Croise  

AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me firii m’agya fie ne asase a wɔwoo me wɔ soɔ no so, na ɔne me kasaeɛ, na ɔkaa ntam kyerɛɛ me sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn no, ɔbɛsoma ne bɔfoɔ adi w’anim, na woakɔware yerɛ afiri hɔ abrɛ me ba.


Na ma wɔmmoaboa mfirinhyia pa a ɛrebɛba yi mu aduane nyinaa ano, na wɔmfa ayuo ngugu asan so sɛdeɛ Farao bɛhyɛ, na ɛnyɛ nkuro mu aduane, na wɔmfa nsie.


Ɔbɔfoɔ a ɔyii me bɔne nyinaa mu no, nhyira mmɔfra yi, na wɔmfa me din ne me nananom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase so.


Na ɔno deɛ, ɔnantee ɛserɛ so da koro kwan na ɔkɔtenaa sesea bi ase, na ɔsrɛ maa ne ho sɛ anka ɔnwu. Na ɔkaa sɛ: Ayɛ yie, afei, AWURADE, fa me kra, na menyɛ nsene m’agyanom.


Hwɛ, meresoma ɔbɔfoɔ adi w’anim akɔhwɛ wo ɛkwan mu, na ɔde wo akɔduru deɛ masiesie hɔ no.


Na Mose buaa AWURADE sɛ: Na sɛ wɔannye me anni, na wɔantie me nne, na wɔka sɛ: AWURADE nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ!


Na afei kɔ, na me ara mɛdi w’ano akyi na makyerɛ wo deɛ ka.


Ɛnna AWURADE bo fuu Mose, na ɔse: Adɛn mennim sɛ Aaron wo nua Lewini no, nim kasa? Na hwɛ, wafiri adi rebɛhyia wo, na sɛ ɔhu wo a, n’akoma bɛtɔ ne yam.


Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn! Nokorɛ, mennim kasa, ɛfiri sɛ meyɛ abɔfra.


Na sɛ mese: Merenkae no na meremmɔ ne din menkasa bio, a, na ɛyɛ m’akoma mu sɛ ogya a ɛredɛre a wɔato mu me nnompe mu; mesɔ mu a mebrɛ ho, na mentumi.


Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na ɔtuaa ka kɔtenaa mu sɛ ɔredwane AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.


Ɛnna ɛhyɛn mu panin no kɔɔ Yona nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ: Worepɛ akyerɛ sɛn nti a wada hatee saa yi? Sɔre su frɛ wo nyame, sɛ ebia ɔbɛdwene yɛn ho na yɛantotɔ wɔ ha.


Onipa ba no bɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa suntidua ne wɔn a wɔdi nsɛmmɔne nyinaa ano afiri n’ahennie mu,


Yesu bua see wɔn sɛ: Yei ne Nyankopɔn adwuma, sɛ mobɛgye deɛ ɔsomaa no no adie.


Na AWURADE bɔfoɔ firi Gilgal baa Bokim bɛkaa sɛ: Meyii mo firii Misraim na mede mo baa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mese: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan