Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 4:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na afei kɔ, na me ara mɛdi w’ano akyi na makyerɛ wo deɛ ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na afei kɔ, na me ara mɛdi w’ano akyi na makyerɛ wo deɛ ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Afei kɔ, na kɔyɛ nea maka akyerɛ wo no na mɛboa wo ama woatumi akasa yiye, na mɛkyerɛ wo nea wobɛka nso.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Afei, kɔ na kɔyɛ deɛ maka akyerɛ wo no na mɛboa wo ama woatumi akasa yie, na mɛkyerɛ wo deɛ wobɛka nso.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na afei kɔ, na me ara medi w'ano akyi na makyerɛ wo nea ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 4:12
20 Iomraidhean Croise  

Ɔsomaa n’akoa Mose ne Aaron a ɔyii no no.


Kyerɛkyerɛ me deɛ wopɛ yɛ, na wone me Nyankopɔn, wo honhom pa no nnya me asase tee so.


Monnyɛ sɛ apɔnkɔ anaa mfunumupɔnkɔ a wɔnnim de, nnareka ne ɛho homa na wɔde to wɔn ano mu twe wɔn, anka wɔrentwe mmɛn wo.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mɛdi w’akyi; na yei bɛyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ sɛ me na mesomaa woɔ. Wonya yi ɔman no firi Misraim ba a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ bepɔ yi so.


Na Mose kaa sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Soma obi foforɔ biara a wopɛ.


Na kasa kyerɛ no, na fa nsɛm no hyɛ n’anomu; na me deɛ, mɛdi w’ano ne n’ano akyi, na makyerɛ mo deɛ monyɛ.


Na ɔbɛyɛ wo kyeame ama ɔman no, na ɔbɛdane w’ano, na woayɛ sɛ Onyankopɔn ama no.


Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afena nnamnnam, ne nsa ase nwunu mu na ɔde me sieeɛ, na ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam, ɔde me siee ne kotokuo mu.


AWURADE Nyankopɔn ama me asuafoɔ tɛkyerɛma, sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm bɛwowa deɛ wabrɛ; ɔnyane me daa anɔpa, ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ.


Na AWURADE tenee ne nsa kaa m’ano. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Afei mede me nsɛm mahyɛ w’anomu.


Na Mose kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ AWURADE na ɔsomaa me sɛ menyɛ nneyɛɛ yi nyinaa, na ɛmfiri me ara:


Na sɛ wɔde mo rekɔ akɔyi mo ama a, monnnwennwene deɛ mobɛka ho ansa; na deɛ wɔde bɛma mo ɛdɔn no ara mu no, ɛno na monka, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ Honhom Kronkron no ara.


Na ɛbaa sɛ ɔwɔ baabi rebɔ mpaeɛ na ɔgyaeeɛ no, n’asuafoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛdeɛ Yohane nso kyerɛɛ n’asuafoɔ no.


na Okyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛkyerɛ mo nnoɔma nyinaa, na ɔbɛkae mo deɛ maka akyerɛ mo no nyinaa.


ɛne me nso, sɛ, mebue m’ano a, wɔmma me asɛm a menka, na memfa nnam menyi asɛmpa no ahuntasɛm menkyerɛ.


Mɛma odiyifoɔ so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm bɛhyɛ n’anomu, na waka deɛ mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan