Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 39:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 na asɔfotadeɛ no nkyekyeremu a ɛwɔ soɔ no, ɛfiri emu ara te sɛ n’adwini no ara, sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 na asɔfotadeɛ no nkyekyeremu a ɛwɔ soɔ no, ɛfiri emu ara te sɛ n’adwini no ara, sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na wɔde ntama tuntum, bibiri, koogyan ne sikakɔkɔɔ yɛɛ nkyekyeremu sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ Mose no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛnna wɔde abɔwomu no yɛɛ ntoma korɔ no ara bi. Na ɛyɛ nsaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan, sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na asɔfotade no nkyekyeremu a ɛwɔ so no, efi mu ara te sɛ n'adwinni no ara, sika ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 39:5
10 Iomraidhean Croise  

bibire, asaawa a ɛbere dum, koogyan, asaawa fufuo, mmirekyie nwi,


Na asɔfotadeɛ fɛfɛ no nkyekyeremu mfiri mu ara, sɛdeɛ ne yɛbea no teɛ, sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira.


Na fa ntadeɛ no hyɛ Aaron, atadeɛ yuu ne asɔfotadeɛ ase batakari ne asɔfotadeɛ ne adaaboɔ no, na fa asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no bɔ ne mu,


Wɔyɛɛ ɛho mmatire a wɔde toa. Na wɔkaa ano mmienu no toae;


Na wɔyɛɛ apopobibire aboɔ a ɛsisi sika nnwinneɛ mu a wɔakurukyire soɔ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ, sɛdeɛ Israel mma din teɛ.


na tenenee bɛyɛ n’asene mu abɔsoɔ, na nokorɛdie ayɛ n’akwaa mu aboomu.


na ɔde atadeɛ yuu no hyɛɛ no, na ɔde aboomu no bɔɔ n’asene, na ɔde batakari no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotadeɛ no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no bɔɔ no abɔsoɔ;


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Na me deɛ, deɛ menya mefirii Awurade hɔ no ara na mede memaa mo sɛ: Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa paanoo,


na nkaneadua no mfimfini no, mehunuu obi a ɔte sɛ onipa ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu, na ɔde sika abɔsoɔ abɔ ne koko so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan