Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 38:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔde kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ kuduo no, na ne ntaaseɛ nso yɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɔnya firii mmaa a wɔba bɛsom, ahyiaeɛ ntomadan no ano, no kɔbere mfrafraeɛ nhwehwɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔde kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ kuduo no, na ne ntaaseɛ nso yɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɔnya firii mmaa a wɔba bɛsom, ahyiaeɛ ntomadan no ano, no kɔbere mfrafraeɛ nhwehwɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔde kɔbere a wɔatwa afi kɔbere ahwehwɛ a mmea a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no ano no de kyɛe no na ɛyɛɛ ade a wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaease no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔde kɔbere a wɔatwa afiri kɔbere ahwehwɛ a mmaa a wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no de kyɛeɛ no na ɛyɛɛ adeɛ a wɔsi mu nneɛma ne ne ntaaseɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔde kɔbere yɛɛ asankasɔn no, na ne ntaase nso yɛ kɔbere a onya fii mmea a wɔba bɛsom, ahyiae ntamadan no ano, no kɔbere nhwehwɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 38:8
23 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn du, dwaresɛn baako di galɔn ahanan. Na dwaresɛn baako biara yɛ basafa mmienu; nnaka du no nyinaa, dwaresɛn no sisi so mmaako mmaako.


Na ɔyɛɛ dwaresɛn no kurukuruwa. Ɛfiri ano kɔsi ano yɛ basafa nnum. Na basafa mmienu ne fa ne ne korɔn, na basafa dunum homa twa ho hyia.


Mɛhohoro me nsa, bemdie mu, na matwa w’afɔrebukyia ho mahyia, AWURADE,


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:


ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kuduo ne ne ntaaseɛ no


Na ɔde mpoma no wurawuraa nkaa no mu afɔrebukyia no nkyɛn nkyɛn na wɔde asoa. Ɔde ntaaboɔ na ɛyɛeɛ, na emu da kwan.


Na fa kuduo no si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na fa nsuo gu mu.


Nhyira ne onipa a ɔtie me na ɔwɛn m’apono ano daa daa, na ɔhwɛ m’aboboano aponnwa soɔ.


nhwehwɛ, nwera pa, mmotire ne nkatanimu.


Ɛda no wɔbɛbue nsuo aniwa ano ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de adwira wɔn ho, bɔne ne ahokum ho.


Na Petro deɛ ɔte adihɔ hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Na wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam!


Na ɔyɛ okunafoɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia aduɔwɔtwe nnan, na ɔmpa asɔrefie hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Onyankopɔn adesaeɛ ne adekyeeɛ.


Yesu see no sɛ: Deɛ wadwareɛ no, ɛnhia no adwareɛ, gye ne nan ho hohorɔ, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa.


Na Petro deɛ, ɔgyinaa mfikyire pono no ano. Ɛnna osuani baako a ɔsɔfo panin no nim no no firii adi bɛka kyerɛɛ ɔbaa a ɔhwɛ pono no ano no, na ɔde Petro baa mu.


Na deɛ ɔyɛ okunafoɔ ampa, na aka ne nko no, ɔde n’ani to Nyankopɔn so, na ɔkura nkotosrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia.


na ɛne nnuane ne anonneɛ ne adware ahodoɔ yɛ honam nsiesieeɛ nko a ɛda hɔ sɛ wɔnyɛ nkɔduru berɛ a wɔahyɛ ato hɔ no.


Mma nkumaa, mommma obiara nnnaadaa mo. Deɛ ɔyɛ deɛ ɛtene no, ɔtene sɛdeɛ ɔno nso tene.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefoɔ nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo. Deɛ ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya adware yɛn afiri yɛn bɔne mu,


Afei na Eli abɔ akora, na ɔtee adeɛ a na ne mma de yɛ Israel nyinaa no nyinaa ne sɛdeɛ wɔne mmaa a na wɔbɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan ano adwuma no da.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan