Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 32:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 wɔamane afiri kwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwie ba a wɔaguo, na wɔasɔre no abɔ afɔdeɛ ama no aka sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 wɔamane afiri kwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwie ba a wɔaguo, na wɔasɔre no abɔ afɔdeɛ ama no aka sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 na wɔabu me mmara nyinaa nso so. Wɔabɔ sika nantwi ba a wɔsom no, asan abɔ afɔre nso ama no aka se, ‘Israel, oyi ne mo nyame a oyii mo fii Misraim asase so bae no.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 na wɔabu me mmara nyinaa nso so. Wɔayɛ sika nantwie ba a wɔsom no, asane abɔ afɔdeɛ nso ama no aka sɛ, ‘Ao, Israel, yei ne mo nyame a ɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 wɔaman afi ɔkwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwi ba a wɔagu, na wɔasɔre no abɔ afɔre ama no aka sɛ: Israel, eyinom ne wo anyame a woyii wo fii Misraim asase so bae no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 32:8
18 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwie mma mmienu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ wo anyame a ɔde wo firi Misraim baeɛ nie.


Mpo wɔyɛɛ nantwie ba a wɔaguo kaa sɛ: Yei ne wo nyame a ɔkɔyii wo firii Misraim baeɛ no. Na wɔyɛɛ akyiwadeɛ kɛseɛ no,


Wɔyɛɛ nantwie ba Horeb, na wɔkotoo ohoni a wɔguiɛ.


Wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛɛ no, na wɔde wɔn tɛkyerɛma dii atorɔ kyerɛɛ no,


Monnyɛ me so dwetɛ anyame anaa sika anyame biara mmfa.


Deɛ ɔbɛbɔ afɔdeɛ ama onyame biara na ɛnyɛ AWURADE nko no, wɔnseɛ no korakora.


Na ɔgyee wɔ wɔn nsam, na ɔde pɛeɛ yeyɛe, na ɔyɛɛ no nantwie a wɔaguo; na wɔkaa sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.


na wo ne deɛ ɔte asase no soɔ no ampam, na wɔdi wɔn anyame akyi bɔ adwaman na wɔbɔ wɔn anyame afɔdeɛ a, obi ammɛfrɛ wo na woankɔdi n’afɔrebɔdeɛ no bi,


Wɔn deɛ, wɔhwie sika firi fotoɔ mu, na wɔde nsania kari dwetɛ; wɔbɔ sikadwumfoɔ paa na ɔyɛ no onyame; wɔkoto, na wɔsɔre no.


Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamm da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn firii Misraim asase soɔ a wɔn deɛ, wɔbubuu m’apam, berɛ a meyɛ wɔn kunu no, AWURADE asɛm nie.


Na wɔnnkum wɔn afɔrebɔdeɛ mmma mpapo abosom a wɔdi wɔn akyiri adwamammɔ soɔ no bio. Na ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma wɔn, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa abosom a wɔnyɛ Onyankopɔn, anyame a wɔnni wɔn, afoforɔ a ɛbaa akyire yi na wɔn nananom amfɛre wɔn.


na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre siane firi ha ntɛm, na ɔman a wokɔyii wɔn firii Misraim no adi asɛmmɔne. Wɔadane ntɛm afiri ɔkwan a mehyɛɛ wɔn no so; wɔayɛ ohoni a wɔaguo afa.


na mehunui, na hwɛ, na moayɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne ayɛ nantwie ba a wɔaguo afa: Moamane ntɛm afiri ɔkwan a AWURADE hyɛɛ mo no so.


Na wɔduruu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no nkyɛn Gilead asase so, na wɔne wɔn kasaa sɛ:


Na wɔn atemmufoɔ no nso, wɔantie wɔn, na wɔdii anyame foforɔ akyi adwamammɔ mu, na wɔsɔree wɔn; ntɛm ara na wɔfirii kwan a wɔn agyanom nantee so tiee AWURADE mmara nsɛm no soɔ; na wɔn deɛ, wɔanni so.


Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mɛbisa mo hɔ biribi; mo nyinaa momfa mo asadeɛ mu nkaa mmrɛ me. (Ɛnam sɛ Midianfoɔ yɛ Ismaelfoɔ nti, na wɔwowɔ sika nkaa.)


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan