Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 32:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔgyee wɔ wɔn nsam, na ɔde pɛeɛ yeyɛe, na ɔyɛɛ no nantwie a wɔaguo; na wɔkaa sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔgyee wɔ wɔn nsam, na ɔde pɛeɛ yeyɛe, na ɔyɛɛ no nantwie a wɔaguo; na wɔkaa sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Aaron nan sikakɔkɔɔ nsonkaa no, na ɔde oguu nantwi ba ohoni. Nnipa no nyinaa kae se, “Israel, oyi ne mo nyame a oyii mo fii Misraim asase so bae no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Aaron nanee sikakɔkɔɔ nsonkawa no de bɔɔ nantwie ba ohoni. Nnipa no nyinaa teaam sɛ, “Ao, Israel, yei ne mo anyame a ɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ogyei wɔ wɔn nsam, na ɔde pɛe yeyɛe, na ɔyɛɛ no nantwi a wɔagu; na wɔkae sɛ: Israel, eyinom ne wo anyame a woyii wo fii Misraim asase so bae no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 32:4
36 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwie mma mmienu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ wo anyame a ɔde wo firi Misraim baeɛ nie.


Na Yeroboam hyɛɛ dapɔnna bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu, bosome no da a ɛtɔ so dunum so, sɛ dapɔnna a wɔdi no Yuda no, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Saa na ɔyɛɛ no Betel, ɔbɔɔ afɔdeɛ maa nantwie mma a ɔyɛeɛ no, na ɔde sorɔnsorɔmmea a ɔyɛeɛ no asɔfoɔ duaa Betel.


Na Yehu kaa sɛ: Mompae nhyia kronkron mma Baal. Na wɔpaee.


Nanso Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne akyiri deɛ, Yehu amfi, ɛne sika nantwie mma a ɛwɔ Betel ne Dan no.


na ɔhyehyɛɛ n’asɔfoɔ maa sorɔnsorɔmmea no ne mpapo ne anantwie mma a ɔyɛeɛ no.


Na afei, mo deɛ, mose mobɛhyɛ mo ho den, AWURADE ahennie a ɛwɔ Dawid mma nsam no anim, na moyɛ asafo yuu, na mowɔ sika anantwie a Yeroboam ayɛ ama mo sɛ anyame.


Mpo wɔyɛɛ nantwie ba a wɔaguo kaa sɛ: Yei ne wo nyame a ɔkɔyii wo firii Misraim baeɛ no. Na wɔyɛɛ akyiwadeɛ kɛseɛ no,


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no.


Monnyɛ me so dwetɛ anyame anaa sika anyame biara mmfa.


Nyɛ ohoni biara anaa adeɛ a ɛwɔ wiem wɔ soro anaa deɛ ɛwɔ asase soɔ wɔ fam anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asase ase nsɛsoɔ biara mfa; nkoto wɔn, na nsom wɔn.


Abodwumfoɔ adwuma, nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ na fa kurukyire aboɔ mmienu no soɔ, sɛdeɛ Israel mma no din teɛ; na fa sika mfefaano twa ho hyia.


Na fa apopobibireboɔ mmienu, na kurukyire Israel mma no din wɔ so.


Na ɔman no hunuu sɛ Mose akyɛreɛ na ɔnsiane mfiri bepɔ no so mma no, ɔman no boaa wɔn ano baa Aaron nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ Mose yi, ɔbarima a ɔkɔyii yɛn firii Misraim baeɛ no deɛ, yɛnnim deɛ ayɛ no.


Na mesee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ sika bie no, wɔnyi. Na wɔde maa me, na meto guu gya mu, na nantwie ba yi firi mu bae.


Na ɔman no nyinaa yiyii sika nkaa a ɛwowɔ wɔn aso mu no de brɛɛ Aaron.


Na sɛ wɔayɛ nantwie ba a Aaron yɛeɛ no nti, AWURADE haa ɔman no.


Na Aaron hunuu sɛ wɔn ani gye ho no, ɔsii afɔrebukyia wɔ n’anim; na ɔpaee sɛ: Ɔkyena ne AWURADE afahyɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔ, na wo man a wode wɔn firi Misraim asase so baeɛ no redi asɛmmɔne;


wɔamane afiri kwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwie ba a wɔaguo, na wɔasɔre no abɔ afɔdeɛ ama no aka sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.


Na mobɛgu mo dwetɛ ahoni nnuraho ne mo sika agudeɛ nkataho no ho fi. Wobɛto agu sɛ nsabutam, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Firi hɔ!


Wɔn deɛ, wɔhwie sika firi fotoɔ mu, na wɔde nsania kari dwetɛ; wɔbɔ sikadwumfoɔ paa na ɔyɛ no onyame; wɔkoto, na wɔsɔre no.


Nanso n’adwamammɔ a ɔde firi Misraim no, wannyae, ɛfiri sɛ wɔne no dae ne mmabaaberɛ mu, na wɔkekaa ne mmabaaberɛ mu mpokua, na wɔhwiee wɔn adwamammɔ guu ne so.


Bet-awen nantwie mma nti na Samariafoɔ bɛsuro; na ne man di ne ho abooboo, na n’asɔfoɔ ho popo n’animuonyam ho, sɛ wɔatu afiri wɔn mu korɔ.


Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ guo ahoni ne wɔn nhunumu ano adwinhoni; ɛyɛ adwumfoɔ adwuma ara nko; wɔka no wɔ wɔn ho sɛ, nnipa a wɔbɔ afɔdeɛ no ma wɔmfe anantwie mma ano.


Na ɛnam sɛ yɛyɛ Nyankopɔn abusua nti, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Nyankopɔn tebea te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔboɔ, adwini a onipa de ne nyansa ne n’adwene adie.


Ɛnna wɔyɛɛ nantwie ba, nna no mu, na wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ohoni no, na wɔn ani gyee wɔn nsa ano adwuma ho.


Afei monnyɛ abosonsomfoɔ sɛdeɛ wɔn mu binom yɛeɛ no, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Nkurɔfoɔ no tenaa ase didii, nomee, na wɔsɔre goroe.


na mehunui, na hwɛ, na moayɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne ayɛ nantwie ba a wɔaguo afa: Moamane ntɛm afiri ɔkwan a AWURADE hyɛɛ mo no so.


Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mɛbisa mo hɔ biribi; mo nyinaa momfa mo asadeɛ mu nkaa mmrɛ me. (Ɛnam sɛ Midianfoɔ yɛ Ismaelfoɔ nti, na wɔwowɔ sika nkaa.)


Na Gideon de yɛɛ ngusoɔ, na ɔde sii kuro Ofra mu. Ɛhɔ na Israel nyinaa dii akyire adwamammɔ mu, na ɛdanee Gideon ne ne fie fidie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan