Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 32:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔman no hunuu sɛ Mose akyɛreɛ na ɔnsiane mfiri bepɔ no so mma no, ɔman no boaa wɔn ano baa Aaron nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ Mose yi, ɔbarima a ɔkɔyii yɛn firii Misraim baeɛ no deɛ, yɛnnim deɛ ayɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔman no hunuu sɛ Mose akyɛreɛ na ɔnsiane mfiri bepɔ no so mma no, ɔman no boaa wɔn ano baa Aaron nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ Mose yi, ɔbarima a ɔkɔyii yɛn firii Misraim baeɛ no deɛ, yɛnnim deɛ ayɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mose kyɛe wɔ bepɔw no so saa no, nnipa no nyinaa kɔɔ Aaron so kɔka kyerɛɛ no se, “Ntɛm, yɛ anyame a wobedi yɛn anim ma yɛn, efisɛ yenhu baabi a Mose a odii yɛn anim de yɛn fi Misraim asase so baa ha no afa; ebia na biribi ayɛ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mose kyɛree wɔ bepɔ no so saa no, nnipa no nyinaa kɔɔ Aaron so kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ntɛm, yɛ anyame a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛnhunu baabi a Mose a ɔdii yɛn anim de yɛn firi Misraim asase so baa ha no afa; ebia na biribi ayɛ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔman no hui sɛ Mose akyɛ na onsian mfi bepɔw no so mma no, ɔman no boaa wɔn ho ano baa Aaron nkyɛn besee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wonni yɛn anim, efisɛ Mose yi, ɔbarima a okoyii yɛn fii Misraim bae no de, yennim nea ayɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 32:1
35 Iomraidhean Croise  

Na Lot firii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmammaa no kɔkasaa sɛ: Monsɔre mfiri ha, na AWURADE rebɛsɛe kuro yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.


Na Abimelek kaa sɛ: Mennim deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi, na wo nso, woanka ankyerɛ me, nanso mentee da, gye nnɛ.


Nanso wampene, na ɔka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ: Hwɛ, sɛ me wura anya me nti ɔnhwɛ deɛ ɛwɔ ne fie, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ahyɛ me nsa.


Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn adeɛ na moayɛ yi? Monnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nim nkɔmhyɛ anaa?


Wɔfirii kuro no mu kɔeɛ na wɔnnya nnuruu akyirikyiri no, Yosef ka kyerɛɛ ne fie panin no sɛ: Sɔre, ti mmarima no, na sɛ woto wɔn a, ka kyerɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mode bɔne tua papa ka?


Wɔyɛɛ nantwie ba Horeb, na wɔkotoo ohoni a wɔguiɛ.


Na AWURADE dii wɔn anim, awia, mununkum dum mu, sɛ ɔrekyerɛ wɔn kwan, na anadwo, ogya dum mu, sɛ ɔrema wɔn hann, na wɔnante awia ne anadwo.


Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Adamena a ɛnni Misraim nti na woafa yɛn aba ha sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ yi? Ɛdeɛn nti na woayɛ yɛn sɛɛ yi, sɛ woyii yɛn firii Misraim baeɛ yi?


Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yɛnwuwu ne nsa ano, Misraim asase a na yɛtete nam nkukuo ho na yɛdidi meeɛ no so! Na moayi yɛn aba ɛserɛ yi so sɛ mode ɛkɔm rebɛkunkum asafo mu yi nyinaa.


Monnyɛ me so dwetɛ anyame anaa sika anyame biara mmfa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro bra me nkyɛn bepɔ no so bɛtena ha, na mɛma wo aboɔpono ne mmara ne ahyɛdeɛ a matwerɛ, na woakyerɛkyerɛ wɔn.


Na Mose kɔɔ mununkum no mu, na ɔforo kɔɔ bepɔ no so; na Mose dii bepɔ no so adaduanan awia ne anadwo.


Na Mose paa AWURADE ne Nyankopɔn kyɛw sɛ: AWURADE, adɛn nti na wo bo huru tia ɔman a wode ahoɔden kɛseɛ ne nsa a ɛyɛ den kɔyii wɔn Misraim asase so baeɛ no?


Ɛnna Aaron buaa sɛ: Mma me wura bo mmfu, wo ara wonim ɔman yi sɛ bɔne ara na wɔde asi wɔn anim.


Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Yɛ anyame ma yɛn na wɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ Mose yi, ɔbarima a ɔkɔyii yɛn firi Misraim asase so baeɛ no, yɛnnim deɛ ayɛ no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔ, na wo man a wode wɔn firi Misraim asase so baeɛ no redi asɛmmɔne;


Kɔ asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so; na me deɛ merenni wo mu nkɔ, ɛfiri sɛ woyɛ ɔman a wo kɔn asene, na mammene wo ɔkwan no mu.


Na wɔtee me so atua, na wɔampene sɛ wɔtie me; wɔn mu obiara biara anto n’ani so akyiwadeɛ no antwene, na wannya Misraim abosonhuhuo no. Ɛnna mese: Mɛhwie m’anibereɛ agu wɔn so, de awie m’abufuo no wɔ wɔn so, Misraim asase so.


Na AWURADE nam odiyifoɔ so yii Israel firii Misraim bae, na ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ wɔn.


Na meyii wo firii Misraim asase so bae, na megyee wo firii nkoafie, na mesomaa Mose, Aaron ne Miriam dii w’anim.


mmarima no a wɔhunuu m’animuonyam ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyɛɛ no Misraim ne ɛserɛ soɔ no a wɔasɔ me ahwɛ mprɛdu nie na wɔantie me nne no nyinaa,


Na monhunu yei sɛ efiewura no nim ɔdasuo ko a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma wɔammɛtu ne dan ase amma mu.


Na sɛ akoa bɔne no ka no n’akomam sɛ: Me wura rekyɛre ba,


Na ɛnam sɛ yɛyɛ Nyankopɔn abusua nti, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Nyankopɔn tebea te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔboɔ, adwini a onipa de ne nyansa ne n’adwene adie.


Na mohunu, na mote aseɛ sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛrekame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfoɔ bebree aso, adane wɔn ani, ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame.


na wɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Yɛ anyame a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn! Na Mose a ɔde yɛn firi Misraim baeɛ yi deɛ, yɛnnim deɛ ayɛ no.


Na AWURADE, ɔno na ɔredi w’anim, ɔno na ɔbɛdi w’akyire, ɔrempa wo na ɔrennya wo; nsuro na mma w’akoma nntu.


Israel, tie! Worebɛtwa Yordan nnɛ akɔ akɔtu amanaman a wɔsoso na wɔn ho yɛ den sene woɔ, afa nkuro akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo akɔ soro,


ɛberɛ a meforoo bepɔ no sɛ merekɔgye aboɔpono, apam a AWURADE ne mo pameeɛ no apono no, medii bepɔ no so adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom;


Sɔre te ɔman no ho na ka sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena; na sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Ahyiradeɛ wɔ wo mu, Israel! Worentumi nnyina w’atamfo anim kɔsi sɛ mobɛyi ahyiradeɛ no afiri mo mu.


abɛka sɛ: Ne ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na ɛfirii sɛ agyanom dedaeɛ yi, ade nyinaa te sɛdeɛ ɛte firi adebɔ mfitiaseɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan