Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 3:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛnna AWURADE kaa sɛ: Ntwe mpini ha! Yi wo nan ase mpaboa, na faako a wogyina hɔ yɛ asase kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Ɛnna AWURADE kaa sɛ: Ntwe mpini ha! Yi wo nan ase mpaboa, na faako a wogyina hɔ yɛ asase kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mmɛn me. Yi wo mpaboa na faako a wugyina no yɛ asase kronkron.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mmɛn me. Yi wo nan mu mpaboa na baabi a wogyina no yɛ asase kronkron.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛnna AWURADE kae sɛ: Ntwiw mmɛn ha! Yi wo nan ase mpaboa, na nea wugyinae hɔ yɛ asase kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 3:5
12 Iomraidhean Croise  

Na bɔ ɔman no ho hyeban, na ka sɛ: Monhwɛ yie na moamforo bepɔ no anaasɛ moanka ne hyeɛ. Obiara a ɔbɛka bepɔ no no, wuo na ɔbɛwuo;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔantra hyeban no amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ.


Na Mose kaa AWURADE nsɛm a ɔde asoma no no nyinaa ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔde ahyɛ ne nsa no nyinaa kyerɛɛ Aaron.


Sɛ worekɔ Nyankopɔn fie a, wɛn wo nan, na wobɛn kɔtie a, ɛyɛ sene nkwaseafoɔ afɔrebɔ; na wɔn deɛ, wɔnnim sɛ wɔreyɛ bɔne.


Na wɔn hene bɛfiri wɔn ara wɔn mu, na wɔn sodifoɔ nso afiri wɔn mu, na mɛma no atwe apini, na ɔbɛbɛn me, na hwan ne deɛ ɔbɛsi ne bo sɛ ɔbɛbɛn me? AWURADE asɛm nie.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ɛno ne deɛ AWURADE kaa sɛ: Wɔn a wɔtwe pini me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho animuonyam.


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Yi wo nan mu mpaboa; na deɛ wogyina yi yɛ asase kronkron.


Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nam wo nsraban mu sɛ ɔregye woɔ, na ɔde w’atamfo ama wɔ w’anim; enti ma wo nsraban mu nyɛ kronkron, na wanhunu wo mu aniwudeɛ biara, na wannane amfiri w’akyi.


Na wɔantumi deɛ wɔhyɛeɛ a ɛse: Na sɛ aboa bi mpo ho kɔka bepɔ no a, wɔnsi no aboɔ.


Na AWURADE dɔm so safohene no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi wo mpaboa firi wo nan, na deɛ wogyina hɔ yɛ kronkron. Na Yosua yɛɛ saa.


yɛn a yɛne no wɔ bepɔ kronkron no soɔ no tee saa nne yi sɛ ɛfiri soro baeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan