Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 3:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Kɔ, na kɔboaboa Israel mpanimfoɔ ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Hwɛ na mabɛhwɛ mo ne deɛ wɔreyɛ mo wɔ Misraim no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Kɔ, na kɔboaboa Israel mpanimfoɔ ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Hwɛ na mabɛhwɛ mo ne deɛ wɔreyɛ mo wɔ Misraim no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Kɔ, frɛ Israelfo mpanyimfo na ka kyerɛ wɔn se, ‘Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no daa ne ho adi kyerɛɛ me, kae se: Mawɛn mo na mahu nea wɔde ayɛ mo wɔ Misraim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ nyinaa hyia na ka hunu a wohunuu Awurade wɔ wira a na ɛredɛre mu no kyerɛ wɔn. Afei, ka asɛm a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Makɔsra me nkurɔfoɔ na mahunu deɛ aba wɔn so wɔ Misraim no kyerɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Kɔ na kɔboa Israel mpanyimfo ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Ɔhwɛ na mabɛhwɛ mo ne nea wɔreyɛ mo wɔ Misraim no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 3:16
31 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn yɛɛ ahunumu ntrɛmu. Na ɔpaee nsuo a ɛwɔ ewiem no aseɛ ne deɛ ɛwɔ ewiem no soɔ no mu. Na ɛyɛɛ saa.


Na AWURADE bɛhwɛɛ Sara sɛdeɛ ɔkaeɛ no, na ɔyɛɛ Sara sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no.


Na hwɛ, AWURADE gyina atifi, na ɔse: Mene AWURADE, w’agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn; asase a woda soɔ yi mede bɛma wo ne w’asefoɔ.


Na ɔhyiraa Yosef sɛ: Onyankopɔn a me nananom Abraham ne Isak nantee n’anim no, Onyankopɔn a wayɛne me me nkwa nna nyinaa de abɛsi nnɛ.


Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebɛti nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabɛyi mo afiri asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.


na wɔabɔ AWURADE din Sion, na wɔaka n’ayeyie Yerusalem,


Hwɛ, AWURADE ani wɔ wɔn a wɔsuro no so, ɛwɔ wɔn a wɔn ani da n’adɔeɛ soɔ no so,


ɔdasani ne hwan a wokae no, na onipa ba ne hwan a w’ani ku ne ho!


Na ɔhene foforɔ bi sɔree Misraim a na ɔnnim Yosef.


Na Mose faa Yosef nnompe no, ɛfiri sɛ Yosef aka Israelfoɔ ntam sɛ: Hwɛ na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na momfa me nnompe mfiri ha nkɔ.


Aman tee, na wɔn ho wosoe, ahopopoɔ kaa wɔn a wɔte Filistia.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sene di ɔman no anim, na fa Israel mpanin mu bi ka wo ho, na fa wo poma a wode bɔɔ Asuo Nil mu no kura wo nsam kɔ.


Na Yetro, Mose ase no, de ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ brɛɛ Onyankopɔn. Na Aaron ne Israel mpanin nyinaa baa sɛ wɔne Mose ase rebɛdidi wɔ Nyankopɔn anim.


Na Onyankopɔn hwɛɛ Israelfoɔ no, ɔhunuu wɔn tebea a wɔwɔ mu no.


Na wantene ne nsa anka Israelfoɔ mu atitire no; na wɔhwɛɛ Onyankopɔn, na wɔdidii na wɔnomee.


Na AWURADE bɔfoɔ bɛyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nkyɛkyerɛ bi mfimfini gyaframa mu, na Mose hwɛe, na hwɛ, na nkyɛkyerɛ no redɛre, nanso na nhye.


Na ɔkaa sɛ: Mene w’agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n’anim, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn.


Na Mose buaa AWURADE sɛ: Na sɛ wɔannye me anni, na wɔantie me nne, na wɔka sɛ: AWURADE nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ!


Na Mose ne Aaron kɔ kɔboaboaa Israelfoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ano.


Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfoɔ na wahunu wɔn amanehunu no, wɔbɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Deɛ ɛbɛyɛ na wɔagye adi sɛ AWURADE, wɔn nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na ayi ne ho akyerɛ wo ne no.


Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ kɔhyiaa ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,


Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;


na wɔadwiri wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennya wo mu boɔ ɔboɔ so, ɛfiri sɛ woanhunu berɛ a wɔdom bɛhwɛɛ woɔ no.


Wɔyɛɛ saa, na wɔde somaa Barnaba ne Saulo maa wɔde kɔmaa mpanimfoɔ no.


Simeon aka sɛdeɛ kane Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no, sɛ ɔreyi wɔn mu nnipa ama ne din.


Na ɔfiri Mileto soma kɔɔ Efeso kɔhyiaa asafo no mu mpanimfoɔ.


na mommɔ bra pa amanaman mu, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfoɔ no, wɔhwɛ mo nneyɛɛ pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam, “nsra da” no.


Me a meyɛ ɔpanin bi ne Kristo amanehunu ho dansefoɔ ne animuonyam a wɔrebɛyi no adie no fafafoɔ nso, metu mpanimfoɔ a ɛwɔ mo mu no fo sɛ:


Ɛnna ɔsɔreeɛ, ɔne ne nsenom baanu no, sɛ ɔresane afiri Moab asase so aba, ɛfiri sɛ ɔtee no wɔ Moab asase so sɛ AWURADE abɛhwɛ ne man na wama wɔn aduane.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan