Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 3:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Na sɛ meduru Israelfoɔ nkyɛn, na meka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nananom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn, na wɔbisa me sɛ: Ne din de sɛn a, sɛn na mense wɔn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Na sɛ meduru Israelfoɔ nkyɛn, na meka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nananom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn, na wɔbisa me sɛ: Ne din de sɛn a, sɛn na mense wɔn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Mose bisae se, “Sɛ mekɔ Israelfo no nkyɛn kɔka se wɔn agyanom Nyankopɔn na wasoma me na wobisa me se, ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuae bɛn na memfa mma wɔn?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Mose bisaa sɛ, “Sɛ mekɔ Israelfoɔ no nkyɛn kɔka sɛ, wɔn agyanom Onyankopɔn na wasoma me na wɔbisa me sɛ. ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuaeɛ bɛn na memfa mma wɔn?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na Mose ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Na sɛ midu Israelfo nkyɛn, na meka mekyerɛ wɔn sɛ: Mo agyanom Nyankopɔn na asoma me mo nkyɛn, na wɔka kyerɛ me sɛ: Ne din de dɛn a, dɛn na minse wɔn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 3:13
16 Iomraidhean Croise  

Na Yakob bisaa no sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me wo din. Na ɔse: Adɛn nti na worebisa me din? Na ɔbarima no hyiraa no wɔ hɔ.


AWURADE yɛ dɔmmarima, AWURADE ne ne din.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mɛdi w’akyi; na yei bɛyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ sɛ me na mesomaa woɔ. Wonya yi ɔman no firi Misraim ba a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ bepɔ yi so.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ME ARA NE ME ARA. Na ɔse: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: ME ARA na asoma me mo nkyɛn.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn. Na yei ne me din de kɔsi daa, na yei na wɔmfa nkae me, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Ka kyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn, na wasoma me wo nkyɛn sɛ: Ma me man nkɔ nkɔsom me ɛserɛ so, na hwɛ, wontiee de abɛduru sɛsɛɛ.


Hwan na waforo akɔ soro na wasiane? Hwan na ɔkura mframa wɔ ne nsam? Hwan na ɔbɔ nsuo boaa, ntoma mu? Hwan na ɔde asase ano nyinaa sisi hɔ? Sɛ wonim a, ne din de sɛn? Na ne ba din de sɛn?


Saa nti me man bɛhunu me din, saa nti da no ara wɔbɛhunu sɛ me ara mene deɛ ɔka sɛ: Menie.


Enti AWURADE no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ: Hwɛ, ababaa bi bɛnyinsɛn awo ɔbabanin, na wato no din Imanuel.


Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahennie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.


Ne berɛ so na wɔbɛgye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na yei ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn tenenee.


Na ɔbɛwo ɔbabanin, na woato ne din Yesu, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye ne man afiri wɔn bɔne mu.


Hwɛ, ababaawa no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabanin, na wɔato ne din Imanuel, (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn na ɛwɔ hɔ.)


Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’akoa Yesu a moyii no maeɛ, na mopoo no wɔ Pilato a ɔbuu atɛn sɛ ɔbɛgyaa no no anim no animuonyam.


Na Manoa ka kyerɛɛ AWURADE bɔfoɔ no sɛ: Wo din de sɛn? Na sɛ wo nsɛm no nya ba mu a, yɛahyɛ wo animuonyam.


Ɛnna ɔbaa no ba bɛka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Nyankopɔn nipa bi aba me nkyɛn, na n’anim yɛ hu pa ara sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ anim, na mammisa no deɛ ɔfire, na ɔno nso ankyerɛ me ne din.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan