Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 3:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na afei bra, na mensoma wo Farao nkyɛn, na kɔyi me man Israelfoɔ no firi Misraim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na afei bra, na mensoma wo Farao nkyɛn, na kɔyi me man Israelfoɔ no firi Misraim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Enti afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, na woakoyi me man Israel afi Misraim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, akɔyi me ɔman Israel afiri Misraim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na afei bra na mensoma wo Farao nkyɛn, na koyi me man Israelfo no fi Misraim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 3:10
20 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hunu ampa ara sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so, na wɔayɛ nkoa na wɔasom, na wɔbɛha wɔn mfirinhyia ahanan.


Na ɔman a wɔbɛsom wɔn no, mɛbu wɔn atɛn, na akyire yi no, wɔde ahodeɛ pii bɛfiri hɔ akɔ.


Ɔsomaa n’akoa Mose ne Aaron a ɔyii no no.


Wonam Mose ne Aaron nsa so bɛgyaa wo man sɛ nnwankuo.


Na Israelfoɔ tena a wɔtenaa Misraim no yɛ mfirinhyia ahanan aduasa.


Na mfeɛ ahanan aduasa no awieeɛ no, ɛda no ara na AWURADE asafo no nyinaa firii Misraim asase soɔ.


Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, wo ara na woaka akyerɛ me sɛ: Fa ɔman yi kɔ, nanso womma menhunu deɛ wobɛsoma no na ɔne me akorɔ. Nanso wo ara na woaka sɛ: Mede wo din menim wo, na woanya m’anim animuonyam nso.


Enti mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, ma menhunu wo kwan ɛ, na mahu wo, na hunu sɛ nkurɔfoɔ yi yɛ wo man a!


Yeinom ne Aaron ne Mose a AWURADE ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyi Israelfoɔ mfiri Misraim asase so sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ no.


Na AWURADE nam odiyifoɔ so yii Israel firii Misraim bae, na ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ wɔn.


Na meyii wo firii Misraim asase so bae, na megyee wo firii nkoafie, na mesomaa Mose, Aaron ne Miriam dii w’anim.


Hunu na mahunu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na mate n’apinisie, na masiane sɛ merebɛgye wɔn; na afei bra na mensoma wo, na kɔ Misraim!


Ɔno ara na ɔde wɔn firii adi yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ Misraim asase so, ne Mmɛwa Po mu ne ɛserɛ so mfirinhyia aduanan.


Na deɛ Onyankopɔn kaeɛ ne sɛ: N’asefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ ananafoɔ asase so, na wɔde wɔn ayɛ nkoa, na wɔayɛ wɔn bɔne mfirinhyia ahanan.


Na ɔman a wɔbɛsom wɔn sɛ nkoa no na Onyankopɔn kaa no wɔn ho sɛ: Mɛbu wɔn atɛn, na ɛno akyiri no, wɔafiri hɔ abɛsom me wɔ ha.


Na AWURADE danee n’ani kyerɛɛ no na ɔkaa sɛ: Fa w’ahoɔden yi ara kɔ kɔgye Israel Midian nsam; ɛnyɛ soma na masoma woɔ yi?


Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Ɛyɛ AWURADE a ɔyii Mose ne Aaron na ɔde mo agyanom firii Misraim asase so bae no.


Ɛberɛ a Yakob kɔɔ Misraim na Misraimfoɔ hyɛɛ wɔn soɔ no, mo agyanom su frɛɛ AWURADE, na AWURADE somaa Mose ne Aaron na wɔyii mo agyanom firii Misraim maa wɔbɛtenaa ha yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan