Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 27:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na yɛ ɛho nsenawa a wɔde ne nso bɛgu mu ne ne sofi ne ne nkoraa ne ne wɔeɛ ne ne nsramma kukuwa, ɛho nnoɔma nyinaa, kɔbere mfrafraeɛ na fa yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na yɛ ɛho nsenawa a wɔde ne nso bɛgu mu ne ne sofi ne ne nkoraa ne ne wɔeɛ ne ne nsramma kukuwa, ɛho nnoɔma nyinaa, kɔbere mfrafraeɛ na fa yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Bokiti a nsõ begu mu, sofi, hweaseammɔ, adinam ne nsramma nkankye nyinaa, kɔbere na fa yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Bokiti a nsõ bɛgu mu, sofi, atam, adinam ne nsramma nkyɛnsee nyinaa, yaawa na fa yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na yɛ ɛho nseaa a wɔde ne nso begu mu, ne ne sesaw ade ne ne nkora ne n'adinam ne ne nsramma kukuwa, ɛho nneɛma nyinaa, kɔbere na fa yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 27:3
17 Iomraidhean Croise  

Na Hiram yɛɛ nnwaresɛn no, sesa adeɛ ne nkoraa. Na Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Salomo, AWURADE fie ho no nyinaa yɛ,


ne nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa no. Na nnoɔma a Hiram yɛ maa Ɔhene Salomo de maa AWURADE fie no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho.


ne nyowa ne adumgya ne nkoraa ne nyowaa ne nsramma kukuwa no yɛ sika ara nko; na ɛdan no mu fam kronkronkronbea hɔ apono ne asɔredan apono no mpɛɛwa nso yɛ sika.


Na nkukuo ne sesa adeɛ ne adumgya ne nyowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nnoɔma a wɔde yɛɛ ɔsom adwuma no nyinaa, wɔfae.


Saa nsramma kukuwa ne nkoraa no, deɛ ɛyɛ sika no, sika, ne deɛ ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ na ankɔbeahene no fa kɔeɛ.


ne adinam ne nkoraa ne nkuruwa ho sika amapa, ne sika mmonsua deɛ, sɛdeɛ ebiara nkariiɛ teɛ, ne dwetɛ mmonsua deɛ, sɛdeɛ ebiara nkariiɛ teɛ;


Na Huram yɛɛ nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa no nso. Na Huram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Salomo Nyankopɔn fie no yɛ,


ne nsenaa ne sesa adeɛ ne adinam no ne ɛho nnoɔma nyinaa, Huram-Abi yɛ maa Ɔhene Salomo maa AWURADE fie no, ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho hyɛnhyɛn.


Na Mose de mogya no fa guguu nyaawa mu, na mogya no fa no nso ɔhwie guu afɔrebukyia no so.


Tenabea no ho som nyinaa mu adwinneɛ, ne ne mpɛɛwa nyinaa ne adihɔ no ho mpɛɛwa nyinaa nyɛ kɔbere mfrafraeɛ.


Na yɛ ne mmɛn sisi ne ntwea nnan so. Emu ara na ne mmɛn no mfire, na fa kɔbere mfrafraeɛ dura ho.


Na fa kɔbere mfrafraeɛ nwono ntentan wɔ ho, sɛdeɛ wɔnwono atena, na yɛ atena no so kɔbere mfrafraeɛ nkaa nnan wɔ ne ntwea nnan no so.


Na ɔyɛɛ afɔrebukyia no ho nnoɔma nyinaa: Nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa, adinam ne nsramma kukuwa no; ɛho nnoɔma nyinaa, ɔde kɔbere mfrafraeɛ na ɛyɛeɛ.


Na ɔmfa ogyasɔ adeɛ nnyansramma ma mfiri afɔrebukyia no so, AWURADE anim, ne aduhwam a wɔasi no fekɔfekɔ ne nsa mmienu ma, na ɔmfa nkɔ ntwamutam no akyi.


na wɔmfa ɛho nnoɔma a wɔde som so nyinaa, nsramma kukuwa ne adinam ne sofi ne nkoraa no, afɔrebukyia no ho nnoɔma nyinaa, na wɔmfa sukraman nwoma akatasoɔ nsɛ so, na wɔmfa ɛho mpoma no nwurawura mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan